Nnwom 27 - KYERƐW KRONKRONAWURADE ne me hann ne me nkwagye Dawid de 1 AWURADE ne me hann ne me nkwagye, hena na minsuro no? AWURADE ne me nkwa ahoɔden, hena anim na me ho mpopo? 2 Nnipa bɔne a wɔhyɛ me so na wɔtan me, sɛ wɔretoa me abɛsunsuane me a, wɔawatiwatiriw na wɔahwehwe ase. 3 Sɛ dɔm bɔ me ho nsra a, me koma rentu; sɛ wotu me so sa a, ɛno mu po na me ho tɔ me. 4 Ade biako na masrɛ AWURADE, ɛno na mɛhwehwɛ akyi kwan, sɛ me nna a midi nyinaa mɛtena AWURADE fi, na mahwɛ AWURADE animtew, na madwen me tirim, n’asɔrefi. 5 Na ɔkora me ne sese mu hiada, ɔde me hintaw ne ntamadan ahintawee, ɔma me so gyina ɔbotan so. 6 Na afei ɔbɛma me ti so, m’atamfo a wɔatwa me ho ahyia no so, na mabɔ ne ntamadan mu ayeyi afɔre, na mato AWURADE sanku dwom. 7 AWURADE, tie me sufrɛ; hu me mmɔbɔ, na gye me so. 8 Woaka sɛ: Monhwehwɛ m’anim nti, me koma se wo sɛ: AWURADE, w’anim na merehwehwɛ. 9 Nyi w’ani nhintaw me, mfa abufuw mpam w’akoa. Me boafo ne wo, ntow me nkyene, na nnyaw me, me nkwagye Nyankopɔn. 10 Na m’agya ne me na agyaw me, na AWURADE de, ogye me. 11 AWURADE, kyerɛ me wo kwan, na fa me fa ɔtempɔn tamaa so, m’atɛwfo nti. 12 Nnan me mma sɛ m’atamfo pɛ, na adansekurumfo asɔre ahyɛ me, ne wɔn a wɔpuw anuɔdensɛm. 13 Migye midi sɛ mehu AWURADE ayamye, ateasefo asase so. 14 Ma w’ani nna AWURADE so, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru, Yiw, ma w’ani nna AWURADE so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana