Nnwom 25 - KYERƐW KRONKRONFakyɛ ne akwankyerɛ ho mpaebɔ Dawid de 1 AWURADE, wo na mema me kra so mekyerɛ wo. 2 Me Nyankopɔn, wo so na mede me ho meto, mma m’ani nnwu, mma m’atamfo ho nnsɛpɛw wɔn, me nti. 3 Ampa ara, wɔn a wɔhwɛ wo kwan no biara ani renwu, wɔn a wotwa nkontompo kwa na wɔn ani bewu. 4 AWURADE, kyerɛ me w’akwan, na fa me fa w’atempɔn so. 5 Ma mennantew wo nokware mu, na kyerɛkyerɛ me, efisɛ wone me nkwagye Nyankopɔn, m’ani da wo so daa nyinaa. 6 AWURADE, kae wo mmɔborohunu ne w’adɔe, a ɛwɔ hɔ fi tete. 7 Nkae me mmofraase bɔne ne me mfomso, na mmom kae me sɛ w’adɔe te no, AWURADE, w’ayamye nti. 8 AWURADE ye, na ɔteɛ, enti na ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfo ne kwan so. 9 Ɔma ahobrɛasefo nnantew trenee mu, na ɔma ahobrɛasefo sua ne kwan. 10 AWURADE atempɔn nyinaa yɛ adɔe ne nokware ma wɔn a wodi n’apam ne n’adansesɛm so. 11 AWURADE, wo din nti fa me bɔne kyɛ me, na ɛdɔɔso pii. 12 Onipa biara a osuro AWURADE no, ɔbɛkyerɛ no kwan a ɔmfa so. 13 Ne kra bɛtena yiyedi mu, na n’asefo anya asase atena so. 14 AWURADE yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wosuro no, na ɔma wohu n’apam no mu. 15 M’ani hwɛ AWURADE daa, na ɔno na obeyi me nan afi afiri mu. 16 Dan w’ani hwɛ me, na dom me, na meyɛ ankonam, na meyɛ mmɔbɔ. 17 Me koma mu ahohia dɔɔso pii, yi me fi m’ahokyere mu. 18 Hwɛ m’amane ne m’ahometew, na fa me bɔne nyinaa kyɛ me. 19 Hwɛ sɛ m’atamfo dɔɔso, na wɔde atirimɔden tan me. 20 Hwɛ me kra so na gye me, mma m’ani nnwu, na miguan metoa wo. 21 Ma pɛyɛ ne teeyɛ nhwɛ me so, efisɛ m’ani da wo so. 22 Onyankopɔn, gye Israel fi wɔn ahohia nyinaa mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana