Nnwom 24 - KYERƐW KRONKRONƆba a Anuonyam hene no reba Dawid dwom 1 Asase ne n’ade dodow yɛ AWURADE dea, wiase ne wɔn a wɔte mu nyinaa nso. 2 Na ɔno na ɔhyɛɛ ase, ɛpo so, na ɔde atintim asukɛse so. 3 Hena na ɔbɛforo AWURADE bepɔw no, na hena na obegyina ne tenabea kronkron hɔ? 4 Nea efi nni ne nsam na ne komam tew, nea ɔmma ne kra so mma ahuhude, na ɔnka ntanhunu. 5 Ɔno na obenya AWURADE nsam nhyira na ne nkwagye Nyankopɔn bebu no bem. 6 Eyinom ne wɔn a wopɛ n’akyi kwan no abusua, wɔn a wɔhwehwɛ w’anim, O! Yakob Nyankopɔn. 7 Mo aponkɛse, momma mo ti so, na mo, tete apon, montrɛw mo ho mu, na anuonyam hene no ahyɛn mu. 8 Hena ne anuonyam hene yi? Ɛyɛ AWURADE, otumfo kɛse ne ɔkatakyi, AWURADE a ɔyɛ ɔkatakyi, ɔko mu. 9 Mo, aponkɛse, momma mo ti so, na monterɛw mo tete apon no mu, na anuonyam hene no nhyɛn mu. 10 Hena ne saa anuonyam hene yi? Asafo AWURADE, ɔne anuonyam Hene no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana