Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 23 - KYERƐW KRONKRON


AWURADE ne guanhwɛfo pa
Dawid dwom

1 AWURADE ne me hwɛfo, hwee renhia me.

2 Ɔma meda adidibea a ɛhɔ nwura yɛ frɔmfrɔm, ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho.

3 Odwudwo me kra, ɔde me fa akwantrenee so, ne din nti.

4 Sɛ mpo menam owu sum kabii bon mu a, minsuro bɔne bi, efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ, w’abaa ne wo poma na ɛkyekye me werɛ.

5 Wotow me pon m’atamfo anim, wode ngo fɔw me tirim, me kuruwa yɛ ma bu so.

6 Ampa ara yiye ne adɔe nko na ebedi m’akyi me nkwa nna nyinaa, na mɛtena AWURADE fi daa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan