Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 21 - KYERƐW KRONKRON


Aseda mpae a wɔbɔ ma ɔhene
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom

1 Ao, AWURADE, ɔhene ani gye w’ahoɔden mu, na wo nkwagye nti hwɛ sɛnea ne ho sɛpɛw no fa.

2 Nea ne koma pɛ na wode ama no, na nea n’ano bisae no, woankame no.

3 Na wode papa mu nhyira hyia no, wode sika kɔkɔɔ abɔ no abotiri.

4 Obisaa wo hɔ nkwa, wode ama no, nna a ɛware daa daa.

5 N’anuonyam so wo nkwagye nti, kɛseyɛ ne nidi na wode ama no.

6 Yiw wode no asi hɔ sɛ nhyira nko ara daa, wode w’anim anigye ama ne ho asɛpɛw no.

7 Efisɛ ɔhene ani da AWURADE so, na nea ɔwɔ sorosoro adɔe nti ɔrenhinhim.

8 Wo nsa nifa bɛka w’atamfo nyinaa, wo nifa benya wɔn a wokyi wo.

9 Wubeyi wo ho adi ayɛ wɔn sɛ ogya fononoo, AWURADE de n’abufuw bɛmene wɔn, na ogya ahyew wɔn.

10 Wobɛsɛe wɔn aba afi asase so, ne wɔn asefo afi nnipa mma mu.

11 Sɛ wɔbɔ wo ho pɔw bɔne na wosusuw bɔne bi ho a, wɔrentumi nyɛ.

12 Na wobɛma wɔasan wɔn akyi, wode wo bɛmma bɛkyerɛ wɔn anim.

13 AWURADE, ma wo ho so w’ahoɔden mu, yɛde dwonto ne sanku bɛkamfo wo mmaninne.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan