Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 20 - KYERƐW KRONKRON


Nkonimdi ho Adesrɛ
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom

1 AWURADE ntie wo hiada, Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban,

2 omfi kronkron mu hɔ mmɛboa wo, na omfi Bepɔw Sion mmɛhyɛ wo den.

3 Ɔnkae w’aduan afɔre nyinaa, na wo hyew afɔre nsɔ n’ani. Sela

4 Ɔmma wo nea wo koma pɛ, na ɔmma wo tirim asɛm nyinaa mmra mu.

5 Ma yɛmmɔ ose wɔ wo nkonimdi ho, na yɛn Nyankopɔn din mu na yehim yɛn frankaa. AWURADE mma nea wosrɛ nyinaa mmram.

6 Afei mahu sɛ AWURADE boa nea wasra no no, ogye no so, ne soro kronkronbea hɔ, ɔde ne nifa ahoɔdenne gye no.

7 Ebinom kamfo nteaseɛnam, na ebinom kamfo apɔnkɔ, na yɛn de, yɛkamfo AWURADE yɛn Nyankopɔn din.

8 Wɔn de, wobubu duedue so hwehwe ase, na yɛn de, yɛasɔre gyina hɔ kyerebenn.

9 AWURADE, gye ɔhene nkwa. Obetie yɛn, da a yɛfrɛ no yi ara mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan