Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 18 - KYERƐW KRONKRON


Nkonim dwom Ɔkae sɛ:
( 2 Samuel 22.1-51 )
Wɔde ma dwonkyerɛfo. AWURADE akoa Dawid de. Ɔkaa dwom yi nsɛm kyerɛɛ AWURADE, da a AWURADE gyee no n’atamfo nyinaa ne Saulo nsam no.

1 Ao, AWURADE, m’ahoɔden, medɔ wo.

2 AWURADE ne me botan ne m’abankɛse ne me gyefo, me Nyankopɔn ne me botantim a meguan kɔtoa no, me kyɛm ne me nkwagye abɛn, m’aban dennen.

3 Misu mefrɛɛ, AWURADE, ɔno a ɔfata sɛ wɔyi n'ayɛ, na wɔagye me m’atamfo nsam.

4 Owu nhama bobaree me ho, na ɔsɛe bɛtoo me sɛ osuhweam

5 Asamando nhama twaa me ho kɔntɔnkrɔn, owu afiri behyiaa me.

6 M’ahoyeraw mu misu mefrɛɛ AWURADE, Nyankopɔn na meteɛɛm mefrɛɛ no. Ɔtee me nne n’asɔrefi, na me su a misui n’anim no koduu n’asom.

7 Ɛnna asase hinhimii, na ɛwosowee, na mmepɔw nnyinaso popoe, na ehinhimii, efisɛ ne bo ahuru.

8 Owusiw tu fii ne hwenem, na ogya a ɛhyew ade fii n’anom, nyansrama fii ne mu dɛwee.

9 Na okuntun ɔsoro mu, na osii fam, na sum kabii wɔ ne nan ase.

10 Na ɔtenaa Kerub so tui, na ɔde mframa ntaban tu bae afrɛso.

11 Ɔde sum kataa ne ho hyiae, n'asasewa yɛ osu a amuna kusuu.

12 Hann a edi n’anim no nyansrama fii, ne mununkum no mu bae.

13 Na AWURADE boom ɔsoro, na ɔsorosoroni no ma wɔtee ne nne, amparuwbo ne nnyansramma.

14 Na ɔtotow n’agyan de bɔɔ wɔn hwetee, ne anyinam de tanee wɔn ani.

15 Ɛnna ɛpo mu mmonka yiyii adi, na wiase nnyinaso ho daa hɔ, efi w’ateɛteɛ, AWURADE, ne wo hwene mu home hahyeehahyee no.

16 Ɔteɛɛ ne nsa fi soro bɛfaa me, ɔtwee me fii nsu pii mu.

17 Ogyee me fii me tamfo hoɔdenfo ne wɔn a wokyi me no nsam, efisɛ wɔsen me ahoɔden.

18 Wɔbɛtoaa me m’amanehunu da mu, na AWURADE bɛyɛɛ me okyitaafo.

19 Na oyii me kogyinaa nea ɛhɔ trɛw, ogyee me, efisɛ mesɔɔ n’ani.

20 AWURADE tuaa me ka sɛ me trenee te, sɛ me nsa ho si tew no na otuaa me ho ka maa me.

21 Na manantew AWURADE akwan so, na memfaa bɔne kwan bi so minnyaw me Nyankopɔn,

22 na mmom n’atemmude nyinaa wɔ m’ani so, na mimfii n’ahyɛde ho ɛ.

23 Na me ho nni asɛm bi wɔ n’anim, na mehwɛɛ me ho so mifii amumɔyɛ ho.

24 Na AWURADE atua me ka sɛnea me trenee te, sɛ me nsa ho a afi wɔ n’ani so no te.

25 Ɔnokwafo na wo ne no bedi no nokwarem, onipa a odi mu na wo ne no bedi no mudi so.

26 Nea ɔtew ne ho na wobɛtew wo ho akyerɛ no, na ɔkɔntɔnkyefo de, wukyinkyim wo ho kyerɛ no.

27 Na wo na wugye ahobrɛasefo, na wobrɛ ahantanfo ase.

28 Na wo na woma me kanea dɛw, AWURADE me Nyankopɔn, hyerɛn me sum mu.

29 Na wo na mede wo metow mehyɛ ɛdɔm so, na mede me Nyankopɔn mihuruw metra ɔfasu.

30 Na Onyankopɔn yi de, ne kwan yɛ pɛpɛ, AWURADE asɛm mu tew, ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a woguan toa no nyinaa.

31 Na hena ne Nyankopɔn sɛ AWURADE nko, na hena na ɔyɛ ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn?

32 Onyankopɔn a ɔde ahoɔden bɔɔ m’asen, na ɔma me kwan yɛ pɛpɛɛpɛ.

33 Ɔyɛ m’anan sɛ aforotebere de, na ɔde me gyina me srɔnsrɔnmmea so.

34 Ɔkyerɛ me nsa akodi, na ɔma me basa kuntun kɔbere tadua mu.

35 Na woama me wo nkwagye kyɛm, na wo nsa nifa soo me mu, na wo mmoa maa meyɛɛ kɛse.

36 Wotrɛw m’anammɔn mu m’ase, na m’anan anwatiri.

37 Mitiw m’atamfo, na metoo wɔn, na mansan de kosii sɛ miwiee wɔn kum.

38 Mebobɔɔ wɔn, na wɔantumi ansɔre, wɔtotɔe me nan ase.

39 Na wode ahoɔden bɔɔ m'asen maa akodi, wobrɛɛ wɔn a wɔsɔre hyɛɛ me no ase hyɛɛ m’ase,

40 na womaa m’atamfo dan wɔn akyi kyerɛɛ me, na wɔn a wokyi me no, mesɛee wɔn.

41 Wosu frɛe, na ogyefo bi nni hɔ, wɔfrɛɛ AWURADE, nanso wammua wɔn.

42 Na mepɛtɛw wɔn meyɛɛ wɔn sɛ mfuturu, mframa anim, mesesaw wɔn migui sɛ mmorɔn so dɔte.

43 Wuyii me ne nnipa m’aperedi mu, wode me sii amanaman so ti; ɔman a minnim wɔn na ɛsom me.

44 Aso tee ara pɛ na wotiee me, ananafo brɛɛ wɔn ho ase maa me.

45 Ananafo twintwamee, na wɔde ahopopo fifii wɔn hintabea bae.

46 AWURADE te ase, na nhyira ne me botantim no. Na me nkwagye Nyankopɔn no, wɔmma no so.

47 Onyankopɔn a odii were maa me, na ɔde aman hyɛɛ m’ase,

48 wagye me afi m’atamfo mu, yiw, woama me so afi wɔn a wɔsɔre hyɛɛ me no mu, woagye me awerɛmfo nsam.

49 Enti, AWURADE, mɛda wo ase amanaman mu, na mabɔ wo din mato ayeyi nnwom,

50 sɛ wone nea ɔma ne hene nkwagye so, na ɔyɛ nea wasra no no adɔe, Dawid ne n’asefo daa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan