Nnwom 16 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn mu ahotoso Dawid abebu dwom 1 Onyankopɔn, fa me sie, na wo na miguan metoa wo. 2 Mise AWURADE sɛ: M’Awurade ne wo, minni papa biara nka wo ho. 3 Na akronkronfo a wɔwɔ asase so no, wɔne anuonyamfo a wɔsɔ m’ani koraa. 4 Wɔn a wodi anyame afoforo akyi no, wɔma wɔn yaw dɔɔso. Merenhwie wɔn mogya ahwiesa no bi, na meremfa m’ano memmɔ wɔn din. 5 AWURADE ne m’agyapade ne me kuruwa mu kyɛfa, wo na woma me nkrabea mu trɛw. 6 Me hye hama akɔfa nea eye ama me, yiw, apɛgyade no yɛ me fɛ. 7 Mekamfo AWURADE a otu me fo, anadwo me koma kyerɛkyerɛ me tu me fo. 8 Mede AWURADE masi m’anim daa yi, na ɔwɔ me nifa yi, merenhim. 9 Enti me koma tɔ me yam, na me kra di ahurusi, nso me honam bɛtena hɔ dwoodwoo. 10 Na worennyaw me kra asaman, woremma wo hotefo nhu ɔda mu porɔwee. 11 Wobɛkyerɛ me nkwa kwan, a anika a ɛmee wɔ w’anim, na anigyede wɔ wo nifa hɔ daa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana