Nnwom 150 - KYERƐW KRONKRONNea ɛhome nyinaa nyi AWURADE ayɛ! 1 Munyi AWURADE ayɛ! Munyi Nyankopɔn ayɛ, ne kronkronbea, munyi no ayɛ, ne tumi mu wɔ soro. 2 Munyi no ayɛ, ne mmaninyɛ mu, munyi no ayɛ sɛ ne kɛse a ɛso no te. 3 Munyi no ayɛ ntorobɛnto nne so, munyi no ayɛ bɛnta sanku ne sankuten so. 4 Munyi no ayɛ mpintin ne asaw so, munyi no ayɛ asankuhan ne atɛntɛbɛn so. 5 Munyi no ayɛ nsammɔ nnawuru a ɛnne so so, munyi no ayɛ nnawuta a egyigye dennen so. 6 Momma nea ɛhome nyinaa nyi AWURADE ayɛ. Munyi AWURADE ayɛ! |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana