Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 15 - KYERƐW KRONKRON


Nea ɔfata AWURADE ntamadan mu tena
Dawid dwom

1 O! AWURADE, hena na ɔbɛsoɛ wo ntamadan mu? Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so?

2 Nea ɔnantew pɛpɛɛpɛ, na odi asɛntrenee, na ɔka ne komam nokware.

3 Ɔmfa ne tɛkrɛma nni nseku, na ɔnyɛ ne yɔnko bɔne, na ɔmmɔ ne mfɛfo ahohora.

4 N’ankasa n’ani so obu onipa huhuw animtiaa, na odi wɔn a wosuro AWURADE no ni, ɔka amanenya ntam a, ɔnsakra.

5 Ɔmfa ne sika mma nnye mfɛntom, na onnye nea odi bem hɔ adammude. Nea ɔyɛ eyinom no, ɔrenhinhim ara da.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan