Nnwom 149 - KYERƐW KRONKRONSion, yi AWURADE ayɛ! 1 Munyi AWURADE ayɛ! Monto dwom foforo mma AWURADE, monka n’ayeyi, ahotefo asafo mu. 2 Ma Israel ani nnye ne yɛfo ho, ma Sion mma nni wɔn hene ho ahurusi. 3 Ma wɔmfa asaw nyi ne din ayɛ, ma wɔmfa mpintin ne asanku nto dwom mma no. 4 Na AWURADE ani sɔ ne man, ɔde nkwagye hyehyɛ ahobrɛasefo. 5 Ahotefo hyehye wɔn ho anuonyam mu, wɔto ahosan dwom, wɔn nnae so. 6 Onyankopɔn ayeyi a ɛso wɔ wɔn anom, na nkrante anofanu hyɛ wɔn nsam, 7 sɛ wobedi amanaman mu were, na wɔatwe aman aso; 8 sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn bɛkyere wɔn ahene, na wɔde dade mpokyerɛ agu wɔn atitiriw; 9 sɛ wɔde atɛn a wɔakyerɛw no bebu wɔn: Eyi yɛ n’ahotefo nyinaa anuonyam. Munyi AWURADE ayɛ! |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana