Nnwom 147 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn tumi, adɔe ne nyansa 1 Munyi AWURADE ayɛ, na eye sɛ wɔto dwom ma yɛn Nyankopɔn, na ɛyɛ dɛ, ayeyi fata. 2 AWURADE na ɔkyekye Yerusalem, ɔpɔn Israelfo a wɔapete wɔn. 3 Ɔsa wɔn a wɔn koma abubu yare, na ɔkyekyere wɔn akuru. 4 Ɔkyerɛ nsoromma dodow, ɔtoto wɔn nyinaa din. 5 Yɛn Awurade so, na ne tumi dɔɔso, ne nhumu nni anobu. 6 AWURADE ma ahobrɛasefo gyina, ɔtow abɔnefo hwe fam. 7 Monto aseda dwom mma AWURADE, momfa ɔsanku nto dwom mma yɛn Nyankopɔn. 8 Ɔno na ɔde amununkum kata ɔsoro, osiesie osu ma asase, ɔma wura fifi mmepɔw so. 9 Ɔde aduan ma mmoadoma ne kwaakwaadabi mma a wosu. 10 Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na ɛyɛ no fɛ, ɛnyɛ onipa nnyaa na ɛsɔ n’ani. 11 AWURADE ani sɔ wɔn a wosuro no, wɔn a wɔn ani da n’adɔe so. 12 Yerusalem, kamfo AWURADE, Sion, yi wo Nyankopɔn ayɛ! 13 Na wahyɛ w’aponkɛse adaban den, wahyira wo mma a wɔwɔ wo mu. 14 Ɔma w’ahye so dwo, ɔde awi mu awi pa ma wudi mee. 15 Ɔma ne kaseɛ ba asase so, n’asɛm tu mmirika ntɛmntɛm. 16 Ɔma nsukyerɛma tɔ sɛ asaawa mfuturu, ɔpete obosu nkyenkyenee sɛ nso. 17 Ɔtow n’asukɔtweaa gu sɛ mporoporowa; hena na obetumi n’awɔw? 18 Ɔma n’asɛm bɛnan no, ɔma ne mframa bɔ ma nsu sen. 19 Oyi n’asɛm kyerɛ Yakob, ɔde n’ahyɛde ne n’atemmude kyerɛ Israel. 20 Ɔnyɛɛ ɔman biara saa ɛ, na n’atemmude no, wonnim. Munyi AWURADE ayɛ! |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana