Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 146 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn daa nokwaredi

1 Munyi AWURADE ayɛ! Me kra, yi AWURADE ayɛ.

2 Mete ase yi, meyi AWURADE ayɛ, mewɔ hɔ yi, mɛto dwom mama me Nyankopɔn.

3 Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.

4 Ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.

5 Nhyira ne nea Yakob Nyankopɔn ne ne boafo, nea n’ani da AWURADE, ne Nyankopɔn, so.

6 Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwom nyinaa, ɔno na ɔkora nokware daa.

7 Obu atɛn ma wɔn a wodi wɔn amim, ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan. AWURADE tu nneduafo.

8 AWURADE bue anifuraefo ani, AWURADE ma wɔn a wɔakotow so gyina, AWURADE dɔ treneefo,

9 AWURADE kora ahɔho so, ogyina nyisaa ne akunafo akyi, na abɔnefo kwan de, ɔdan ani.

10 AWURADE di hene daa, Sion, wo Nyankopɔn di hene kɔ awo ntoatoaso nyinaa so. Munyi AWURADE ayɛ!

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan