Nnwom 145 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn kɛseyɛ ne n’adɔe Dawid ayeyi dwom 1 Mema wo so, me Nyankopɔn, ɔhene, na mehyira wo din daa daa. 2 Mehyira wo daa nyinaa, na meyi wo din ayɛ daa daa. 3 AWURADE so, na ɔsɛ ayeyi kɛse, ne kɛseyɛ mu nni hwehwɛbea. 4 Awo ntoatoaso kamfo wo nnwuma kyerɛ awo ntoatoaso foforo, na wɔka wo mmaninne. 5 Medwen w’anuonyam a ɛharan no kɛseyɛ ne w’anwonwade no ho. 6 Na wɔka wo nneyɛe a ɛyɛ hu no tumi ho asɛm, na mɛka wo kɛseyɛ makyerɛ. 7 Wɔworo wo papayɛ bebrebe no nkae, na wɔto wo trenee ho ahurusi dwom. 8 AWURADE yɛ ɔdomfo ne mmɔborohunufo, abufuwyɛ mu nyaa ne adɔeyɛ mu kɛse. 9 AWURADE ye ma nnipa nyinaa, na ne mmɔborohunu wɔ ne nnwuma nyinaa so. 10 AWURADE, wo nnwuma nyinaa da wo ase, na w’ahotefo hyira wo. 11 Wɔka w’ahenni anuonyam, na wɔbɔ wo mmaninyɛ din, 12 sɛ wɔbɛma nnipa mma ahu ne mmaninne ne n’ahenni anuonyam a ɛharan no. 13 W’ahenni yɛ daa ahenni, na wo tumidi fa awo ntoatoaso nyinaa mu. 14 AWURADE wowaw wɔn a wɔhwe ase nyinaa, na ɔma wɔn a wɔakotow nyinaa so gyina. 15 Aniwa nyinaa hwɛ wo kwan, na woma wɔn wɔn aduan, ne bere mu. 16 Wubue wo nsam, na woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee. 17 AWURADE teɛ, n’akwan nyinaa mu, na ɔyɛ adɔe ne nnwuma nyinaa mu. 18 AWURADE bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa. 19 Ɔyɛ nea n’afɛrefo pɛ ma wɔn, na otie wɔn sufrɛ, na ogye wɔn. 20 AWURADE hwɛ n’adɔfo nyinaa so, na abɔnefo nyinaa de, ɔbɛsɛe wɔn. 21 M’ano bɛka AWURADE ayeyi, na ma ɔhonam nyinaa nhyira ne din kronkron daa daa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana