Nnwom 144 - KYERƐW KRONKRONAWURADE ne Israel botan Dawid de 1 Nhyira ne AWURADE, me botan a ɔkyerɛkyerɛ me nsa ɔsa ne me nsatea akodi. 2 M’adɔe ne m’abankɛse, m’abantenten ne me gyefo, me kyɛm ne nea miguan metoa no a ɔbrɛ me man ase hyɛ m’ase. 3 AWURADE, onipa ne hena a wuhu no, ɔdesani ba ne hena a wudwen ne ho? 4 Onipa, ɔte sɛ ahuhuw, ne nna te sɛ sunsuma a ɛretwam. 5 AWURADE, kuntun wo soro, na si fam, keka mmepɔw, na emfi wusiw. 6 Popa anyinam, na pansam wɔn, totow wo mmɛmma, na sɛe wɔn. 7 Teɛ wo nsa fi soro noho, huam me, na yi me fi nsu akɛse mu, fi ananafo mma nsam. 8 Wɔn na wɔn ano ka nsɛnhuhuw, na wɔn nifa yɛ atoro nifa. 9 Onyankopɔn, mɛto dwom foforo mama wo, mede sanku a ɛso han du mɛto dwom mama wo, 10 sɛ wo na wode nkwagye ma ahemfo, na wugyee w’akoa Dawid fii afoa a enye ano. 11 Huam me na yi me fi ananafo mma a wɔn ano ka nsɛnhuhuw na wɔn nifa yɛ atoro nifa nsam. 12 Na yɛn mmabanin ayɛ sɛ tɛ nnua a anyin yiye, wɔn mmerantebere mu, na yɛn mmabea ayɛ sɛ twea so adum a wɔasen no sɛ ahemfi de. 13 Na yɛn asan ayɛ ma a woyi mu nneɛma horow nyinaa, na yɛn nguan awo mpem ayɛ mpem du du, yɛn nsaase so. 14 Na yɛn anantwi ho atua wɔn ho a ɔsɛe ne ɔyera mma wɔn mu, na nkɔmmɔdi amma yɛn mmɔnten so. 15 Nhyira ne ɔman a wɔte sɛɛ, nhyira ne ɔman a AWURADE ne wɔn Nyankopɔn. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana