Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 143 - KYERƐW KRONKRON


Ɔboa ho sufrɛ
Dawid dwom

1 AWURADE, tie me mpaebɔ, yɛ aso ma me nkotɔsrɛ, wo nokwaredi mu gye me so, wo trenee mu.

2 Na mfa w’akoa nkɔ atemmu mu, na ɔteasefo biara renni bem w’anim.

3 Na ɔtamfo taa me kra, ɔbɔ me nkwa hwe fam, ɔma metena sum mu sɛ wɔn a wowuwui akyɛ.

4 Na me honhom tɔ beraw me mu, me koma asen me yam.

5 Mekae tete nna, midwen wo nneyɛe nyinaa ho, misusuw wo nsa ano nnwuma ho.

6 Meteɛ me nsam mekyerɛ wo, wo ho sukɔm de me kra sɛ asase a awo. Sela

7 AWURADE, yɛ ntɛm gye me so, me honhom tɔ piti, nyi w’ani nhintaw me, na manyɛ sɛ wɔn a wosian kɔ amoa mu.

8 Ma mente w’adɔe anɔpa, na wo so na mede me ho meto. Ma minhu ɔkwan a memfa so, na wo na mema me kra so mekyerɛ wo.

9 AWURADE, yi me fi m’atamfo nsam. Wo nkyɛn na mede me ho makora.

10 Kyerɛkyerɛ me nea wopɛ yɛ, na wone me Nyankopɔn, wo honhom pa no nnya me asase tee so.

11 Wo din nti, AWURADE, ma minnya nkwa, wo trenee mu yi me kra fi ahohia mu,

12 na w’adɔe mu yi m’atamfo hɔ, na sɛe wɔn a wɔhaw me kra nyinaa, na w’akoa ne me.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan