Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 141 - KYERƐW KRONKRON


Nkwagye ho adesrɛ
Dawid dwom

1 O! AWURADE, misu mefrɛ wo, yɛ ntɛm ma me; sɛ misu mefrɛ wo a, yɛ aso ma me.

2 Ma me mpaebɔ mmesi w’anim sɛ ohuam, me nsa soma sɛ anwummere ayɛyɛde.

3 AWURADE, fa ɔwɛn bɛwɛn m’ano, na hwɛ m’anofafa pon ano.

4 Nkom me koma nkɔ asɛmmɔne ho, sɛ me ne nnipa amumɔyɛfo bedi nsɛmmɔne, na mma me kɔn nnɔ wɔn adɔkɔdɔkɔde.

5 Ma ɔtreneeni mmɔ me na ɔnka m’anim adɔe so, ɛyɛ me tiri so ngo a me ti rempo, na abɔnefo ngosra mpare me na me mpaebɔ ara na ɛda so hyia wɔn asɛmmɔne.

6 Wosum wɔn akannifo hwe ɔbotan so, na wɔte me nsɛm sɛ ɛyɛ dɛ.

7 Sɛnea obi dwiriw asase funtum so no, saa ara na wɔama yɛn nnompe apete asaman ano.

8 Na wo, AWURADE, so na m’ani da, wo na miguan metoa wo, ntow me kra nkyene.

9 Kora me fi apa a wɔasum me ne amumɔyɛfo mfiri ho.

10 Ma abɔnefo nhwe wɔn ankasa nsɛmma mu, na me de, ma mintwa ho menkɔ prɛko.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan