Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 138 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn adɔe ne ne nokwaredi so aseda
Dawid de

1 Mede me koma nyinaa mɛda wo ase O, AWURADE, mɛto wo dwom wɔ anyame no anim.

2 Mɛkotow makyerɛ w’asɔrefi kronkron no, na mada wo din ase, w’adɔe ne wo nokware so, sɛ woama w’asɛm aso atra wo din nyinaa.

3 Da a misu mefrɛe no, wugyee me so, wohyɛɛ me baninha ma me kra nyaa ahoɔden.

4 AWURADE, asase so ahene nyinaa bɛda wo ase, sɛ wɔate w’anom nsɛm.

5 Na wɔbɛto AWURADE akwan ho dwom, sɛ AWURADE anuonyam yɛ kɛse.

6 Na AWURADE wɔ ɔsorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefo, na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri.

7 Menam ahohia mu a, woma me nkwa, woteɛ wo nsa, m’atamfo abufuw so, na wo nifa gye me.

8 AWURADE bewie di ama me, AWURADE, w’adɔe wɔ hɔ daa, wo nsa ano adwuma no, worennyaw no hɔ.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan