Nnwom 136 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn anuonyam wɔ abɔde ne abakɔsɛm mu 1 Monna AWURADE ase, na oye, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 2 O, Monna anyame mu Nyankopɔn ase, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 3 O, Monna awuranom mu owura no ase, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 4 Nea ne nko yɛ anwonwade akɛse, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 5 Nea ɔde nhumu yɛɛ ɔsoro no, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 6 Nea ɔde asase trɛw nsu so no, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 7 Nea ɔyɛɛ akanea akɛse, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 8 Owia, sɛ enni adekyee so, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 9 Ɔsram ne nsoromma, sɛ enni anadwo so, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 10 Nea ɔbobɔɔ Misraimfo, mmakan no, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 11 Na oyii Israel fii wɔn mu no, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 12 Ɔde nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛm na eyii wɔn, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 13 Nea otwitwaa mmɛw po mu asinasin, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 14 Na ɔde Israel faa mu, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 15 Na ɔkaa Farao ne ne dɔm guu mmɛw po mu, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 16 Nea ogyaa ne man sare so, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 17 Nea ɔbobɔɔ ahemfo akɛse, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 18 Na okunkum ahene anuonyamfo, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 19 Amorifo hene Sihon, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 20 Ne Basan hene Og, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 21 Na ɔde wɔn asase mae sɛ agyapade, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 22 Ɔde yɛɛ n’akoa Israel agyapade, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 23 Nea ɔkaee yɛn yɛn ahobrɛase mu, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 24 Na ogyee yɛn fii yɛn ahohiafo nsam, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 25 Ɔma ɔhonam nyinaa aduan, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 26 O, Monna ɔsoro Nyankopɔn ase, na n’adɔe wɔ hɔ daa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana