Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 133 - KYERƐW KRONKRON


Anuanom biakoyɛ mu nhyira
Mforoso dwom. Dawid de

1 Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena faako.

2 Ɛte sɛ ngo pa a wɔahwie agu mpampam na esian gu bɔgyesɛ mu, Aaron bɔgyesɛ mu, esian fa ne ntade mmuano so.

3 Ɛte sɛ bosu a efi bepɔw Hermon so a esian gu Sion mmepɔw so, na ɛhɔ na AWURADE ahyɛ nhyira, Yiw nkwa a enni awiei.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan