Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 130 - KYERƐW KRONKRON


Amanehunu kɛse mu mpaebɔ
Mforoso dwom

1 Mifi abun kuronkuron mu mefrɛ wo, AWURADE.

2 Awurade, tie me nne, wɛn w’aso tie me nkotɔsrɛ.

3 AWURADE, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a, hena na anka obegyina?

4 Na wo na fafiri wɔ wo fam, na wɔasuro wo.

5 Mehwɛ AWURADE kwan, me kra rehwɛ ɔkwan, na n’asɛm so na m’ani da.

6 Me kra twɛn AWURADE sen awɛmfo a wɔtwɛn adekyee, sen awɛmfo a wɔtwɛn adekyee.

7 Israel, ma w’ani nna AWURADE so, na AWURADE fam na adɔe wɔ, na ogye a ɛdɔɔso wɔ ne nsam.

8 Ɔno na obegye Israel afi n’amumɔyɛ nyinaa mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan