Nnwom 129 - KYERƐW KRONKRONAmanehunu a aba atwam Mforoso dwom 1 Wɔahiahia me ho pii fi me mmofraase, ma Israel nka ɛ, 2 wɔahiahia me ho pii fi me mmofraase, nanso wɔantumi me. 3 Fɛntɛmfo afɛntɛm m’akyi, wɔama wɔn aka ayɛ atenten. 4 AWURADE teɛ, watwitwa abɔnefo hama mu. 5 Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa ani nwu, na wɔnsan wɔn akyi. 6 Ma wɔnyɛ sɛ adan atifi wura a ennya mfifii no na ɛhyew, 7 ɛnhyɛ otwitwafo nsa ma anaa ɔkyekyefo basa mu ma, 8 na wɔn a wotwam mpo nka sɛ: AWURADE nhyira mmra mo so, yehyira mo AWURADE din mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana