Nnwom 127 - KYERƐW KRONKRONAWURADE nhyira ne ade kɛse Mforoso dwom. Solomon de 1 Sɛ AWURADE ansi dan no a, wɔn a wosi yɛ ho adwuma kwa. Sɛ AWURADE anwɛn kurow no a, ɔwɛmfo si ho pɛ kwa. 2 Ɔkwa ara na mosɔre anɔpahema na monnye mo ahome mpo anadwo bere, na mobrɛ ansa na moanya aduan adi. Nanso AWURADE na osiesie ma n’adɔfo mpo bere a wɔadeda no. 3 Hwɛ, mma yɛ agyapade a efi AWURADE hɔ, na yafunu mu aba yɛ akatua. 4 Sɛ ɔbran nsam bɛmma te no, sɛ mmerantebere mu mmabanin te ne no. 5 Nhyira ne ɔbarima a wɔahyɛ n’agyan kotoku ma, wɔne atamfo di, kurow pon mu a, wɔn ani renwu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana