Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 126 - KYERƐW KRONKRON


Wɔn a wɔde nusu gu de ahurusi betwa
Mforoso dwom

1 Bere a AWURADE de Sion fi nnommum san bae no, yɛyɛe sɛ adaesofo.

2 Ɛno na ɔserew hyɛɛ yɛn anom ma, na anigye dwom hyɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma. Ɛno na wɔkae, amanaman mu sɛ: AWURADE ayɛ ade kɛse ama wɔn.

3 Yiw AWURADE ayɛ ade kɛse ama yɛn, yɛn ani agye.

4 AWURADE, fa yɛn fi nnommum san bra sɛ anafo fam asase so asuten.

5 Wɔn a wɔde nusu gu de ahurusi betwa.

6 Sɛ mpo wɔde nusu kura aba a wogu no a, wɔde ahurusi bekura no afiafi aba.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan