Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 125 - KYERƐW KRONKRON


Israel guankɔbea
Mforoso dwom

1 Wɔn a wɔde wɔn ho to AWURADE so no te sɛ Sion bepɔw, entwiw, na etim hɔ daa.

2 Sɛnea mmepɔw atwa Yerusalem ho ahyia no, saa ara na AWURADE atwa ne man ho ahyia fi sesɛɛ de kosi daa.

3 Na bɔne ahempoma rentena treneefo asase so, na treneefo anteɛ wɔn nsa anso amumɔyɛ mu.

4 AWURADE, ma ensi atreneefo no yiye, ne wɔn a wɔteɛ, wɔn koma mu no.

5 Na wɔn a wɔman kɔ wɔn akwan kɔntɔnkye so de, AWURADE de wɔn bɛfra amumɔyɛfo akɔ. Asomdwoe mmra Israel so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan