Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 124 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ ahohia mu
Mforoso dwom. Dawid de

1 Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn afa a, ma Israel nka ɛ:

2 Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn afa a, bere a nnipa sɔre hyɛɛ yɛn no a,

3 anka wɔn abufuw dɔ hyɛɛ yɛn no, wɔamemmene yɛn animono,

4 anka nsu amene yɛn, anka asubɔnten abɔ afa yɛn kra so,

5 anka nsu a ɛyɛ ahantan abɔ afa yɛn kra so.

6 Nhyira ne AWURADE a wamfa yɛn anyɛ hanam amma wɔn se.

7 Yɛn kra aguan sɛ anomaa afi afirisumfo afiri mu, afiri no abu, na yɛn de, yɛaguan.

8 Yɛn boa wɔ AWURADE a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no din mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan