Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 123 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn mu gyidi
Mforoso dwom

1 Wo na mema m’ani so mehwɛ wo, wo a wote soro no.

2 Hwɛ, sɛnea nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa ano, sɛ afenaa ani hwɛ n’awuraa nsa ano no, sɛ yɛn ani hwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ne no, kosi sɛ ɔbɛdom yɛn.

3 Dom yɛn, AWURADE, bɛdom yɛn, na aniwuhyɛ afono yɛn dodo.

4 Taamudifo fɛwdi ne ahantanfo aniwuhyɛ afono yɛn kra dodo.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan