Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 122 - KYERƐW KRONKRON


Ɔkwantuni anigye ne apɛde
Mforoso dwom. Dawid de

1 M’ani gyei sɛ wosee me sɛ: Ma yɛnkɔ AWURADE fi.

2 Yɛn nan begyina w’aponkɛse mu, Ao, Yerusalem.

3 Yerusalem a wɔakyekye no sɛ kurow a ɛtoatoam yiye.

4 Ɛhɔ na mmusuakuw no nantew kɔ, Mekyerɛ AWURADE mmusuakuw, sɛ wodii Israel adanse no, sɛ wokoyi AWURADE din ayɛ.

5 Ɛhɔ na wɔde nkongua sisi maa atemmu, Dawid fi nkongua no.

6 Monsrɛ mma Yerusalem asomdwoe, ensi w’adɔfo yiye.

7 Asomdwoe ntena w’afasu mu, na yiyedi ntena w’aban mu.

8 Me nuanom ne me mfɛfo nti mɛka sɛ: Asomdwoe ntena wo mu.

9 AWURADE yɛn Nyankopɔn, fi nti mɛhwehwɛ papa mama wo.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan