Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 121 - KYERƐW KRONKRON


Israel hwɛfo
Mforoso dwom

1 Mema m’ani so makyerɛ mmepɔw no, ɛhe na me boa fi bɛba?

2 Me boa fi AWURADE, ɔsoro ne asase yɛfo no.

3 Ɔremma wo nan nwatiriw, nea ɔhwɛ wo no rentɔ nko.

4 Hwɛ, nea ɔhwɛ Israel no, ɔrentɔ nko, na ɔnna.

5 AWURADE ne wo hwɛfo, AWURADE ne wo nwini, wo nsa nifa so.

6 Owia renhye wo awia, na ɔsram rensi wo so anadwo.

7 AWURADE bɛhwɛ wo so, bɔne nyinaa ho, ɔbɛhwɛ wo kra so.

8 AWURADE bɛhwɛ w’adifi ne wo fieba so afi sesɛɛ de akosi daa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan