Nnwom 120 - KYERƐW KRONKRONNkɔnkɔnsafo Mforoso dwom 1 AWURADE na m’ahohia mu misu mefrɛɛ no, na otiee me. 2 AWURADE, yi me kra fi atoro ano fi nnaadaa tɛkrɛma mu. 3 Dɛn na ɔmfa mma wo, na dɛn na ɔmfa nka wo ho, wo nnaadaa tɛkrɛma? 4 Ɔde Ɔbran agyan hwirenhwiren ne ogya nsramma na ɛbɛtwe w’aso. 5 Minnue sɛ mabɛsoɛ Mesek na matena Kedar ntamadan mu! 6 Me kra ne wɔn a wɔtan asomdwoe atena akyɛ dodo. 7 Me de, meyɛ asomdwoeni, nso mekasa a, wɔn de, wɔpɛ ɔko. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana