Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 12 - KYERƐW KRONKRON


Mmoa Ho Adesrɛ
Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Saminit” sanku nne so. Dawid dwom

1 O! AWURADE, boa, na ahotefo rewie sa, na anokwafo ase rehyew, nnipa mma mu.

2 Obiara twa ne yɔnko nkontompo, ano fremfrem ne koma nta na wɔde kasa.

3 Ma AWURADE ntwa ano dɛfɛdɛfɛ nyinaa ne tɛkrɛma a ɛka nsɛnkɛse,

4 wɔn a wose: Yɛn tɛkrɛma na yɛde di mmaninsɛm, yɛn ano wɔ hɔ, hena na obedi yɛn so?

5 Mmɔborohunufo so hyɛ ne ahiafo apinisi nti mɛsɔre afei, sɛ AWURADE se ni, megye nea ogu ahome repɛ nkwagye no nkwa.

6 AWURADE bɔhyɛ yɛ bɔhyɛ kronkron te sɛ dwetɛ a wɔanan no fononoo wɔ fam a wɔayiyi mu mpɛn ason.

7 Ao, AWURADE, hwɛ yɛn so, na kora yɛn fi nnɛ mma yi mu daa.

8 Sɛ ahuhusɛm ahoran nnipa mma mu yi, abɔnefo abu so nennamee.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan