Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 119 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn mmara ho anigye

1 Nhyira ne wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ, na wɔnam AWURADE mmara so.

2 Nhyira ne wɔn a wɔhwɛ n’adansesɛm so, na wɔde wɔn koma nyinaa di akyi,

3 nso wɔnyɛ amumɔyɛde, na wɔnam n’akwan so.

4 Wo na wode wo nsiesiei ahyɛ yɛn sɛ yenni so koraa.

5 O, sɛ wɔateɛteɛ m’akwan, na midi w’ahyɛde so ɛ!

6 Sɛ mehwɛ wo mmara nsɛm nyinaa a, ɛnne anka m’ani renwu.

7 Mede koma a ɛteɛ mɛda wo ase sɛ meresua wo trenee atemmude no.

8 Medi w’ahyɛde so, nnyaw me korakora.

9 Ɛdɛn na aberante de bɛtew ne kwan ho? Ɛne sɛ ɔhwɛ ne ho so sɛnea wo nsɛm se.

10 Mede me koma nyinaa midi w’akyi, mma mimmfi wo mmara nsɛm ho minnkyin.

11 Mede wo nsɛm makora me komam, na manyɛ wo ho bɔne bi.

12 Nhyira ne wo, AWURADE, kyerɛkyerɛ me w’ahyɛde.

13 Mede m’ano maka w’anom atemmu nyinaa.

14 W’adansesɛm kwan mu na m’ani gye, sɛnea egye ahonyade bi ho.

15 Meredwen wo nsiesiei ho, na merehwɛ w’akwan.

16 W’ahyɛde ho na me ho sɛpɛw me, me werɛ remfi wo nsɛm.


AWURADE mmara ho anigye

17 Yɛ w’akoa yiye, na minnya nkwa, na madi wo nsɛm so.

18 Bue m’aniwa, na menhwɛ wo mmara mu anwonwade.

19 Meyɛ ɔhɔho asase so, mfa wo mmara nsɛm nhintaw me.

20 Me kra posaw daa nyinaa, w’atemmu ho anigyina mu.

21 Woateɛteɛ ahantanfo a wɔadome wɔn a wɔfom fi wo mmara nsɛm ho no.

22 Yi ahohora ne aniwu fi me so, na madi w’adansesɛm so.

23 Aman mpanyin nso tena ase keka me ho nsɛm a, w’akoa bedwen w’ahyɛde ho.

24 W’adansesɛm yɛ m’adɔde ara, na ɛyɛ m’agyinatufo.


Si nkete sɛ wobedi AWURADE mmara so

25 Me kra aka fam, ma minnya nkwa, sɛ w’asɛm te.

26 Maka m’akwan makyerɛ, na woagye me so, ma minsua w’ahyɛde.

27 Ma minhu wo nsiesiei kwan mu, na minnwen w’anwonwade ho.

28 Awerɛhow ama me kra anan, ma me so, sɛ w’asɛm te.

29 Yi atoro kwan fi me ho, na fa wo mmara dom me.

30 Mafa nokwaredi kwan, mede w’atemmude magu m’anim.

31 Matim w’adansesɛm mu, AWURADE, mma m’ani nnwu.

32 Mitu wo mmara nsɛm kwan so mmirika, na wotrɛw me komam.


Ntease ho mpaebɔ

33 AWURADE, kyerɛ me w’ahyɛde kwan, na mafa so makosi ase.

34 Ma minhu mu, na madi wo mmara so, na mede me koma nyinaa medi so.

35 Ma memfa wo mmara nsɛm kwan so, na ɛno na ɛsɔ m’ani.

36 Kom me koma kɔ w’adansesɛm so, na ɛnyɛ sikanibere so.

37 Ma m’ani ntwa adehunu hwɛ ho, ma minnya wo kwan mu nkwa.

38 Hyɛ w’asɛm mu den ma w’akoa a ɔde ne ho ama wo suro.

39 Ma m’ahohora a ɛyɛ me hu ntwa me ho, na w’atemmude ye.

40 Hwɛ, mafe wo nsiesiei, ma minnya wo trenee mu nkwa.

41 AWURADE, ma w’adɔe mmra mma me, ne wo nkwagye, sɛ w’asɛm te.

42 Na manya asɛm bi mabua nea ɔbɔ me ahohora, na mede me ho meto w’asɛm so.

43 Na nyi nokwasɛm no mfi m’anom koraa, na w’atemmude so na m’ani da.

44 Na medi wo mmara so ara daa yi akosi daa ne daapem,

45 na mɛnantew tatraa mu, na midi wo nsiesiei akyi.

46 Na mɛka w’adanse ho asɛm, ahene anim, na m’ani renwu.

47 Na me ho bɛsɛpɛw me wo mmara nsɛm ho, na ɛno na madɔ no,

48 na mɛma me nsa so wo mmara nsɛm a madɔ no ho, na madwen w’ahyɛde ho.

49 Kae asɛm a woka kyerɛɛ w’akoa no, efisɛ woma mede m’ani metoo so.

50 Eyi ne m’awerɛkyekye m’amanehunu mu, efisɛ w’asɛm ma minya nkwa.

51 Ahantanfo di me ho fɛw pii, nanso mennan mimfii wo mmara ho ɛ.

52 AWURADE, mekae w’atemmu a efi teteete no, na mekyekye me werɛ.

53 Abufuhyew hyɛ me so, abɔnefo a wogyaw wo mmara no nti.

54 W’ahyɛde adan me nnwom, me hɔhoyɛ fi mu.

55 AWURADE, mekae wo din anadwo, na midi wo mmara so.

56 Eyi ayɛ me ade, sɛ mikura wo nsiesiei mu ara.

57 AWURADE, me kyɛfa ne wo, maka sɛ medi wo nsɛm so.

58 Mede me koma nyinaa masrɛ wo: Dom me sɛnea w’asɛm te.

59 Meda midwen m’akwan ho, na medan me nan mekyerɛ w’adansesɛm.

60 Mayɛ ntɛm, na mentwentwɛn me nan ase, sɛ medi wo mmara nsɛm so.

61 Sɛ Abɔnefo nhama abobare me ho mpo a, nanso me werɛ mfii wo mmara ɛ.

62 Mesɔre ɔdasum meda wo ase, wo trenee atemmude ho.

63 Meyɛ wɔn a wosuro wo nyinaa adamfo ɛne wɔn a wodi wo nsiesiei so.

64 AWURADE, w’adɔe ahyɛ asase ma, ma minsua w’ahyɛde.

65 Wo ne w’akoa adi no yiye, AWURADE, sɛ w’asɛm te.

66 Kyerɛkyerɛ me nhumu pa ne nimdeɛ, na magye wo mmara nsɛm madi.

67 Wonnya mmrɛɛ me ase no, mefomee, na afei midi w’asɛm so.

68 Wuye, na woyɛ yiye, kyerɛkyerɛ me w’ahyɛde.

69 Ahantanfo atoatoa atoro ato me so, me de, mede me koma nyinaa miso wo nsiesiei mu.

70 Wɔn koma apirim wo mmara ho sɛ srade a ada, me de, wo mmara ho na me ho sɛpɛw me.

71 Eye ma me sɛ wobrɛɛ me ase, na ama masua w’ahyɛde.

72 W’anom mmara ye ma me sen sika ne dwetɛ mpem.

73 Wo nsa na ɛyɛɛ me na esiesiee me, ma me nhumu, na minsua wo mmara nsɛm.

74 Wɔn a wosuro wo behu me na wɔn ani agye, na w’asɛm so na m’ani da.

75 AWURADE, mahu sɛ w’atemmu yɛ trenee, na wode nokwaredi abrɛ me ase.

76 Ma w’adɔe nyɛ me awerɛkyekye ɛ, sɛnea wokaa w’akoa no.

77 Ma wo mmɔborohunu mmra me so, na minnya nkwa, na wo mmara ne m’anika.

78 Ma ahantanfo ani nwu sɛ wɔbrɛɛ me ase nkontompo so. Me de, medwen wo nsiesiei ho.

79 Ma wɔn a wosuro wo nnan mmra me nkyɛn, ne wɔn a wonim w’adansesɛm no.

80 Ma me koma nyɛ pɛ, w’ahyɛde mu, na m’anim angu ase.

81 Me kra tɔ wo nkwagye ho piti, w’asɛm so na m’ani da.

82 W’asɛm nti m’ani ayɛ siamoo. Mise: Da bɛn na wobɛkyekye me werɛ?

83 Na mayɛ sɛ toa a ɛwɔ wusiw mu, nanso me werɛ mfi w’ahyɛde.

84 W’akoa nna si ahe? Da bɛn na wubebu wɔn a wɔtaa me atɛn?

85 Ahantanfo atutu amoa ama me, wɔn a wɔnte sɛnea wo mmara kyerɛ.

86 Wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokware. Wɔtaa me nkontompo so, boa me!

87 Ate kumaa na wɔahyew me awie asase so, na me de, minnyaw wo nsiesiei.

88 W’adɔe nti ma minnya nkwa, na madi w’anom adanse so.

89 AWURADE, w’asɛm tim hɔ daa, wɔ ɔsoro.

90 Wo nokwaredi wɔ hɔ ma awo ntoatoaso nyinaa, woasiesie asase, na egyina hɔ.

91 Egyina hɔ nnɛ sɛnea w’ahyɛde te, na nneɛma nyinaa yɛ w’asomfo.

92 Sɛ wo mmara anyɛ m’adɔde a, anka masɛe m’amane mu.

93 Me werɛ remfi wo nsiesiei ara da, na ɛno so na wonam ma minya nkwa.

94 Meyɛ wo dea, gye me nkwa, na midi wo nsiesiei akyi.

95 Abɔnefo tɛw me asɛe me. Me de, m’ani ku w’adansesɛm ho.

96 Mahu pɛyɛ nyinaa awiei, na wo mmara nsɛm trɛw pii.

97 Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae.

98 Wo mmara nsɛm ayɛ me onyansafo asen m’atamfo, na ɛwɔ me daa.

99 Mewɔ nimdeɛ mesen m’akyerɛkyerɛfo nyinaa, na w’adansesɛm ne m’adwene.

100 Mihu ade mu mesen mpanyimfo, na mehwɛ wo nsiesiei midi so.

101 Misianka me nan mifi kwammɔne nyinaa so, na madi w’asɛm so.

102 Memman mimfii w’atemmu ho ɛ, na wo na woakyerɛkyerɛ me.

103 Wo nsɛm yɛ me dodom dɛ dɛn ara! Ɛsen sɛ ɛwo hyɛ m’anom.

104 Wo nsiesiei mu na minya nhumu, enti mikyi nkontompo kwan nyinaa.

105 W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.

106 Maka ntam, na mɛma agyina, sɛ medi wo trenee atemmude so.

107 Wɔabrɛ me ase dodo, AWURADE, ma minnya nkwa, sɛ w’asɛm te.

108 AWURADE, ma w’ani nsɔ m’anom ayamye afɔre ɛ, na ma minsua w’atemmude.

109 Me kra da me nsam daa, nanso me werɛ mfi wo mmara.

110 Abɔnefo asum me afiri, nanso memfom wo nsiesiei kwan ho ɛ.

111 Mafa w’adansesɛm mayɛ m’agyapade daa, na ɛno na ɛma me koma ani gye.

112 Makom me koma sɛ mɛyɛ w’ahyɛde daa makosi ase.

113 Mikyi adwene ntantafo, na medɔ wo mmara.

114 Me guankɔbea ne me kyɛm ne wo, m’ani da w’asɛm so.

115 Nnebɔneyɛfo, mumfi me so, na madi me Nyankopɔn mmara nsɛm so.

116 Wowaw me, sɛ w’asɛm te, na manya nkwa, na mma m’ani nnwu, me kwanhwɛ mu.

117 So me mu, na manya nkwagye, na mahwɛ w’ahyɛde no daa.

118 Wubu wɔn a wɔfom w’ahyɛde so nyinaa animtiaa; efisɛ nkontompo nko ne wɔn nsisi.

119 Wuyi asase so abɔnefo nyinaa hɔ sɛ afide, enti na medɔ w’adansesɛm.

120 Wo ho hu ma me honam popo, na misuro w’atemmude.

121 Mayɛ atemmude ne treneede, nnyaw me mma wɔn a wɔhyɛ me so.

122 Di agyinam pa ma w’akoa, mma ahantanfo nnni me amim.

123 M’ani ayɛ siamoo repɛ wo nkwagye ne wo trenee asɛm no.

124 Wo ne w’akoa nni no sɛ w’adɔe te, na ma minsua w’ahyɛde.

125 W’akoa ne me, ma me nhumu, na minhu w’adansesɛm.

126 Bere adu sɛ AWURADE yɛ biribi, efisɛ wɔatu wo mmara agu.

127 Enti medɔ wo mmara nsɛm sen sika kɔkɔɔ ne amapa.

128 Enti mibu ade nyinaa mu nsiesiei nyinaa sɛ ɛteɛ, metan nkontompo kwan nyinaa.

129 W’adansesɛm yɛ nwonwa, enti na me kra di so.

130 Wo nsɛm mu bue ma hann, ɛma nkwasea hu nyansa.

131 Mibue m’anom haa mepere, efisɛ m’ani gyinaa wo mmara nsɛm.

132 Dan w’ani kyerɛ me, na dom me, sɛ woyɛ ma wɔn a wɔdɔ wo din no.

133 Ma m’anammɔn ntim w’asɛm mu, na mma amumɔyɛ biara nnni me so.

134 Yi me fi onipa nhyɛso mu, na minni wo nsiesiei so.

135 Ma w’anim nharan w’akoa so, na ma minsua w’ahyɛde.

136 Asuten sen m’aniwa mu gu, efisɛ nnipa nni wo mmara so.

137 Ɔtreneeni ne wo, AWURADE, na w’atemmude nso teɛ.

138 Woahyɛ w’adansesɛm, trenee mu ne nokwaredi kɛse mu.

139 Me mmɔdemmɔ redɛw sɛ gya, efisɛ m’ahohiafo werɛ afi wo nsɛm.

140 W’asɛm yɛ gyenennyenen pii, na w’akoa dɔ no.

141 Misua, na memfra, nanso me werɛ mfi wo nsiesiei.

142 Wo trenee yɛ daa trenee, na wo mmara yɛ nokware.

143 Ahohia ne ahoyeraw ato me, nanso wo mmara nsɛm ne m’adɔde.

144 W’adansesɛm yɛ trenee daa, ma me nhumu, na minnya nkwa.


Ɔgye ho mpaebɔ

145 Mede me koma nyinaa misu mefrɛ: Gye me so. AWURADE, medi w’ahyɛde so.

146 Misu mefrɛ wo: Begye me, na madi w’adansesɛm so.

147 Mitua ahema meteɛm, m’ani da w’asɛm so.

148 M’aniwa di adasu kan sɛ medwen w’asɛm ho.

149 Tie me sɛ w’adɔe te. AWURADE, ma minnya nkwa sɛ w’atemmude te.

150 Wɔn a wodi mmusu akyi twiw bɛn, wɔne wo mmara ntam ware.

151 AWURADE, wo nso wobɛn, na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokware.

152 Mihuu w’adansesɛm mu akyɛ, sɛ woama atim sɛ ensi hɔ daa.

153 Hwɛ m’amanehunu, na yi me, na me werɛ mfi wo mmara.

154 Di m’asɛm ma me, na gye me, ma minnya nkwa, sɛ w’asɛm te.

155 Abɔnefo ne nkwagye ntam ware, na wɔnhwehwɛ w’ahyɛde akyi kwan.

156 Wo mmɔborohunu dɔɔso, AWURADE, ma minnya nkwa, sɛ w’atemmude te.

157 M’ataafo ne m’ahohiafo dɔɔso, nanso mintwiw mimfii w’adansesɛm ho ɛ.

158 Mihu akyipafo nkontompofo a, wɔn ho yɛ me nwini, sɛ wonni w’asɛm so.

159 Hwɛ sɛ medɔ wo nsiesiei, AWURADE, ma minnya nkwa, sɛ w’adɔe te.

160 W’asɛm ntoano yɛ nokware, na wo trenee atemmu nyinaa wɔ hɔ daa.

161 Aman mpanyin tiw me kwa, nanso w’asɛm nko na misuro.

162 M’ani ka w’asɛm ho sɛ nea wanya asade pii.

163 Metan atoro, na mikyi, wo mmara na medɔ.

164 Da koro miyi wo ayɛ mpɛn asɔn, wo trenee atemmu ho.

165 Asomdwoe pii wɔ wɔn a wɔdɔ wo mmara, na biribi ntoatoa wɔn.

166 Mehwɛ wo nkwagye kwan, AWURADE, na madi wo mmara nsɛm so.

167 Me kra di w’adansesɛm so, na medɔ no kɛse.

168 Midi wo nsiesiei ne w’adansesɛm so, na m’akwan nyinaa wɔ w’anim.

169 AWURADE, ma me nteɛm nnu w’anim, ma me nhumu, sɛ w’asɛm te.

170 Ma me nkotɔsrɛ mmra w’anim, gye me, sɛ w’asɛm te.

171 M’ano bɛworo w’ayeyi, sɛ wokyerɛkyerɛ me w’ahyɛde.

172 Me tɛkrɛma begye w’asɛm so, na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ trenee.

173 Ma wo nsa mmɛboa me, na wo nsiesiei na mapaw.

174 Mefe wo nkwagye, AWURADE, na wo mmara ne m’adɔde.

175 Ma me kra ntena ase nyi wo ayɛ, na w’atemmu mmoa me.

176 Mafom kwan sɛ oguan a wayera, hwehwɛ w’akoa, na me werɛ mfi wo mmara nsɛm.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan