Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 116 - KYERƐW KRONKRON


Nea wɔagye no nkwa aseda ne ne bɔhyɛ

1 Medɔ AWURADE sɛ otie me nne ne me nkotɔsrɛ.

2 Na wabrɛ n’aso ase ama me, enti mete ase yi, mɛbɔ ne din.

3 Owu nhama kyekyeree me, na asaman ahohia too me, mihuu ahoguan ne awerɛhow

4 Na AWURADE din na mebɔe sɛ: O! AWURADE, gye me kra.

5 Ɔdomfo ne ɔtreneeni ne AWURADE, Yiw yɛn Nyankopɔn yɛ mmɔborohunufo.

6 AWURADE hwɛ ayemfo, miguroe, na ogyee me nkwa.

7 Me kra, san kɔ wo home mu, na AWURADE ne wo adi no yiye.

8 Na woayi me kra afi wu mu, m’aniwa afi nusu mu, ne me nan afi asehwe mu.

9 Mɛnantew AWURADE anim, ateasefo asase so.

10 Magye madi, mpo bere a mekae sɛ: Me de, meyɛ mmɔbɔ sɛ!

11 Mekae m’abotu mu sɛ: Nnipa nyinaa yɛ atorofo.

12 Dɛn na mede mɛhyɛ AWURADE anan mu, ne yiye a ɔyɛ me nyinaa ho?

13 Mɛma nkwagye kuruwa so, na mabɔ AWURADE din.

14 Mede m’aboade mɛma AWURADE, ne man nyinaa anim.

15 AWURADE ahotefo wu de, ɛbo yɛ den n’anim.

16 O! AWURADE, meyɛ w’akoa, meyɛ w’akoa, w’afenaa ba, woasan me nhama.

17 Wo na mɛbɔ wo aseda afɔre, na mabɔ AWURADE din.

18 Mede m’aboade mɛma AWURADE, ne man nyinaa anim,

19 AWURADE fi adiwo, wo, Yerusalem, mfinimfini. Munyi AWURADE ayɛ!

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan