Nnwom 115 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn nko na nidi sɛ no 1 Ɛnyɛ yɛn, AWURADE, ɛnyɛ yɛn, na wo din mmom na anuonyam nka w’adɔe nti, wo nokware nti. 2 Adɛn na amanaman nka sɛ: Ɛhe ara na wɔn Nyankopɔn wɔ? 3 Na yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro, nea ɔpɛ nyinaa na ɔyɛ. 4 Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika, nnipa nsa ano adwuma. 5 Wɔwɔ ano, na wɔnkasa, wɔwɔ aniwa, na wonhu ade, 6 wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm, wɔwɔ hwene, na wɔnte hua. 7 Wɔn nsa, wɔmfa nka ade, wɔn anan, wɔmfa nnantew, na wɔmfa wɔn menewa nkasa. 8 Wɔn a wɔyɛ wɔn te sɛ wɔn ara, obiara a ɔde ne ho to wɔn so no. 9 Israel, fa wo ho to AWURADE so. Ɔne wɔn boa ne wɔn kyɛm. 10 Aaron fi, momfa mo ho nto AWURADE so. Ɔne wɔn boa ne wɔn kyɛm. 11 Mo a musuro AWURADE, momfa mo ho nto AWURADE so. Wɔn boa ne wɔn kyɛm. 12 AWURADE akae yɛn, obehyira yɛn, obehyira Israel fi, obehyira Aaron fi, 13 obehyira wɔn a wosuro AWURADE, nketewa ne akɛse nyinaa. 14 AWURADE bɛma mo adɔɔso, mo ne mo mma. 15 Moyɛ nnipa a wɔahyira wɔn ama AWURADE, ɔsoro ne asase yɛfo no. 16 Ɔsoro yɛ AWURADE soro, na asase de, ɔde ama nnipa mma. 17 Ɛnyɛ awufo na wobeyi AWURADE ayɛ, na ɛnyɛ wɔn a wosian kɔ kommyɛ mu biara. 18 Na yɛn de, yebehyira AWURADE afi nnɛ akosi daa. Munyi AWURADE ayɛ! |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana