Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 114 - KYERƐW KRONKRON


Misraim fi mu anwonwade

1 Israel fii Misraim, na Yakob fifo fii ananafo man mu no,

2 Yuda yɛɛ ne kronkronbea, na Israel yɛɛ ne tumidibea.

3 Ɛpo hui, na eguanee, Yordan san n’akyi.

4 Mmepɔw huruhuruwii sɛ adwennini, na nkoko yɛe sɛ nguammaa.

5 Ɛpo, dɛn na ɛyɛ wo na wuguan, na wo Yordan nso, wosan w’akyi yi?

6 Mo mmepɔw, sɛ muhuruhuruw sɛ adwennini, na mo nkoko, moyɛ sɛ nguammaa yi?

7 Asase, popo AWURADE anim, Yakob Nyankopɔn anim.

8 Ɔno na ɔdan ɔbotan ma ɛyɛɛ ɔtare, na atwɛrebo yɛɛ nsuaniwa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan