Nnwom 112 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn suro mu nhyira 1 Munyi AWURADE ayɛ! Nhyira ne onipa a osuro AWURADE, na onya ne mmara ho anika pii. 2 N’asefo bɛyɛ kɛse asase so, wohyira treneefo awo ntoatoaso. 3 Ade ne ahonya wɔ ne fi, na ne trenee wɔ hɔ daa. 4 Hann pue sum mu ma nnipa trenee, ɔne ɔdomfo, mmɔborohunufo ne ɔtreneeni. 5 Onipa a ɔyɛ adom na ɔde fɛm, esi no yiye, obewie ne nsɛm di, atemmu mu. 6 Na ɔrenhim da biara da, ɔtreneeni bɛyɛ daa nkae. 7 Akwanmusɛmmɔne renyi no hu, ne koma si hɔ pintinn da AWURADE so. 8 Ne koma atim, ɔrensuro kosi sɛ obehu nea ɔpɛ, n’ahohiafo so. 9 Ɔtow pete, ɔyɛ ahiafo yiye; ne trenee wɔ hɔ daa, wɔbɛma n’abɛn so, anuonyam mu. 10 Ɔbɔnefo behu ma ayɛ no ahi, ɔbɛtwɛre ne se na wahodwow; abɔnefo ade a wɔpɛ bɛyera. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana