Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 110 - KYERƐW KRONKRON


Ɔsɔfo a odi hene
( Mateo 22.44 ; Asomafo 2.34-35 ; Hebrifo 1.13 ; 5.6 )
Dawid dwom

1 AWURADE asɛm a osee me wura ni: Tena me nifa kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso.

2 Wo tumidi poma no, AWURADE fi Sion bɛteɛ. “Di hene w’atamfo mfinimfini!”

3 Wo man beyi wɔn yam koraa aba, wo koda no, adurade kronkron mu, wo mmerante asafo ba ma wo sɛ obosu fi adekyee yam.

4 AWURADE aka ntam, na ɔrennu ne ho: Woyɛ daapem sɔfo, Melkisedek dibea so.

5 Awurade a ɔwɔ wo nifa so no bɛbobɔ ahene, n’abufuw da no.

6 Obedi amanaman mu asɛm, ɔbɛma afunu ahyɛ hɔ ma. Ɔbɛbobɔ ti, asase a ɛtrɛw so.

7 Ɔbɛnom ɔkwan ho asuten mu nsu, enti na ɔbɛma ne ti so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan