Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 109 - KYERƐW KRONKRON


Atamfo bɔne no nnue!
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom

1 M’ayeyi Nyankopɔn, mmua w’ano.

2 Na abɔnefo ne nkontompofo abue wɔn ano ahyɛ me, wɔde atoro tɛkrɛma akeka me ho nsɛm,

3 na wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia, na wɔne me di ako kwa.

4 Wɔtan me de hyɛ me dɔ ananmu, na me de, mpae ara na mebɔ.

5 Na wɔde bɔne hyɛ me papa ananmu, na wokyi me de hyɛ me dɔ ananmu.

6 Fa ɔbɔnefo si no so, na ma Satan nnyina ne nifa.

7 Wobu no atɛn a, ma onni fɔ, na ma ne mpaebɔ nnan no bɔne.

8 Ma ne nna nsua, na ne hwɛ adwuma no, ma obi mfa,

9 ne mma nyɛ nyisaa, na ne yere nnan okunafo,

10 na ne mma nkyinkyin nsrɛsrɛ ade, na womfi wɔn amamfo so nkɔhwehwɛ aduan.

11 Ma ɔpempensifo nsa nka nea ɔwɔ nyinaa, na ananafo mfow n’adwuma so ade.

12 Mma obiara nnyɛ no adɔe, na obiara nnnom ne nyisaa.

13 Ma wɔntɔre n’ase, ma wɔn din ngu awo ntoatoaso a edi so yi mu.

14 Wɔnkae n’agyanom amumɔyɛ AWURADE anim, na ne na bɔne nso, wɔmmpopa.

15 Ɛntena AWURADE anim daa, na ontwa wɔn ho nkae mfi asase so.

16 Esiane sɛ wankae sɛ ɔbɛyɛ adɔe, na ɔtaa onipa mmɔboroni ne ohiani ne nea ne koma abubu, sɛ obekum wɔn.

17 Sɛ ɔdɔɔ nnuabɔ nti, aba no so, sɛ wampɛ nhyira nti, ɛne no ntam pan.

18 Ɔhyɛɛ nnome sɛ n’atade, na ɛkɔɔ ne yam sɛ nsu, ne ne nnompe mu sɛ ngo.

19 Ma ɛnyɛ no sɛ ntama a ofura ne abɔso a ɔde kyekyere ne ho daa.

20 Eyi ne me ho asɛmpɛfo akatua a efi AWURADE nsam, ne wɔn a wɔka me kra ho asɛmmɔne no de.

21 Na wo, AWURADE, wo din nti di ma me, na w’adɔe no ye, yi me!

22 Na meyɛ mmɔboroni ne hiani, na me koma apira wɔ me mu.

23 Mekɔ sɛ sunsuma a ɛrekɔtɔ, wɔawosow me akyene sɛ mmɛbɛw.

24 Abuada nti me nkotodwe popo, na me honam afɔn, na srade apa mu.

25 Na me de, madan ahohora mama wɔn, wɔhwɛ me a, wɔwosow wɔn ti.

26 Boa me, AWURADE, me Nyankopɔn, gye me sɛnea w’adɔe te,

27 na wonhu sɛ wo nsa ni, sɛ wo, AWURADE, na woyɛe.

28 Wɔn de, wɔdome, na wo de, wuhyira; wɔsɔre, na wɔn ani wu, na w’akoa de, n’ani gye.

29 Me ho asɛmpɛfo bɛhyɛ aniwu, na wɔafura wɔn ahohora sɛ ntama.

30 Mede m’ano mɛkamfo AWURADE pii, mɛto ayeyi dwom mama no nnipa bebree mu,

31 sɛ ogyina ohiani nifa, na ɔregye no afi wɔn a wobu ne kra atɛn nsam.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan