Nnwom 107 - KYERƐW KRONKRONNHOMA A ƐTO SO ANUM ( Nnwom 107—150 ) Wɔn a wɔagye wɔn nkwa no aseda dwom 1 Monna AWURADE ase, na oye, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 2 Ma wɔn a AWURADE agye wɔn nka sa, wɔn a wagye wɔn afi ɔhohiafo nsam, 3 na waboaboa wɔn ano afi nsaase so, afi apuei ne atɔe, afi atifi fam ne anafo fam. 4 Wokyinkyinii sare so, nkyerekyerewa a ɛso nni kwan so, wɔanhu kurow bi antena mu. 5 Ɔkɔm dee wɔn, osukɔm dee wɔn, wɔn kra tɔɔ piti. 6 Na wosu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu, na ogyee wɔn fii wɔn ahokyere mu, 7 na ɔde wɔn faa ɔkwantrenee so sɛ wɔnkɔ kurow a wobetumi atena mu so. 8 Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔe ho, ne n’anwonwade, nnipa mma mu, 9 sɛ wama ɔkra a ne ho ayow amee, na ɔde adepa ahyɛ ɔkra a ɔkɔm de no ma. 10 Wɔn a wɔtenaa sum ne sum kabii mu, na wɔkyeree wɔn guu amane ne dade [nkɔnsɔnkɔnsɔn] mu, 11 efisɛ wɔtew Onyankopɔn nsɛm ho atua, na wɔtew ɔsorosoroni no agyina ahi, 12 na ɔde ɔhaw brɛɛ wɔn koma ase, wɔhwehwee ase a ɔboafo bi nni hɔ. 13 Na wosu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu, na ogyee wɔn fii wɔn ahokyere mu. 14 Oyii wɔn fii sum ne sum kabii mu, na obubuu wɔn mpokyerɛ mu. 15 Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔe ho, ne n’anwonwade, nnipa mma mu, 16 sɛ wabubu kɔbere apon, na watwitwa adaban mu asinasin. 17 Agyennyentwi, wɔn mmarato kwan ne wɔn amumɔyɛ nti wohuu amane. 18 Wɔn kra kyi aduan nyinaa, na wɔbɛn owu abobow ano. 19 Na wosu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu, na ogyee wɔn fii wɔn ahokyere mu. 20 Ɔmaa n’asɛm bɛsaa wɔn yare, na oyii wɔn fii wɔn amoa mu. 21 Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔe ho, ne n’anwonwade, nnipa mma mu, 22 na wɔmmɔ aseda afɔre, na wɔmfa ahurusi dwom nka ne nneyɛe. 23 Wɔn a wosian kɔɔ po so ahyɛn mu na wokodii nsu akɛse mu dwuma no, 24 wɔn na wohuu AWURADE nneyɛe, ne n’anwonwade ebun mu, 25 na ɔka maa ahum kɛse tui, na ɛmaa n’asorɔkye so. 26 Wɔforo kɔɔ soro, na wosian kɔɔ bun donkudonku mu, ahohia nti wɔn kra hodwowee. 27 Wokyim kɔ bae tɔɔ ntintan sɛ ɔsabofo, na wɔn nyansa nyinaa sae wɔn tirim. 28 Na wosu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu, na ogyee wɔn fii wɔn ahokyere mu. 29 Ɔmaa ahum no yɛɛ komm, na asorɔkye no yɛɛ konii. 30 Na wɔn ani gyei sɛ ano adwo komm, na ɔde wɔn kɔɔ wɔn agyinae a wɔhwehwɛ no: 31 Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔe ho, ne n’anwonwade nnipa mma mu, 32 na wɔmma no so, ɔman ahyiae mu, na wonyi no ayɛ, mpanyimfo guabɔ mu. 33 Ɔdan asuten ma ɛyɛ sare, ne nsuaniwa ma ɛyɛ nkyerekyerewa. 34 Asase a ɛba aduan dan asase kesee, wɔn a wɔte so no bɔneyɛ nti. 35 Ɔdan sare ma ɛyɛ ɔtare, ne nkyerekyerewa ma ɛyɛ nsu aniwa, 36 na ɔmaa wɔn a ɔkɔm de wɔn kɔtenaa hɔ, na wɔkyekyee kurow tenaa mu, 37 na wɔyɛɛ mfuw, na wɔtetɛw bobe nturo, na wonyaa nnɔbae pii. 38 Na ohyiraa wɔn maa wɔn ase fɛee bebree, na wamma wɔn afieboa so anhuan. 39 Afei wɔn so huanee, na wɔbrɛɛ wɔn ase, efi nhyɛso, ɔhaw ne awerɛhowhyɛ. 40 Ɔde animtiaabu gu mmapɔmma so, na ɔma wokyini asase fo a ɔkwan nni hɔ so. 41 Na ɔmaa ohiani so fii amanehunu mu, na ɔyɛɛ wɔn mmusua sɛ nguankuw. 42 Treneefo behu na wɔn ani agye, na amumɔyɛ nyinaa bemua n’ano. 43 Obiara a ɔyɛ onyansafo no, ma ommu eyinom, na ma wonnya AWURADE adɔe mu ahuye. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana