Nnwom 106 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn adɔe ne Israel bonniayɛ 1 Munyi AWURADE ayɛ! Monna AWURADE ase, na oye, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 2 Hena na obetumi aka AWURADE mmaninne, na wama wɔate n’ayeyi nyinaa? 3 Nhyira ne wɔn a wokura atemmu mu, ne nea odi asɛntrenee daa nyinaa. 4 AWURADE, wo man ho anisɔ no mu, kae me, wo nkwagye mu, bɛhwɛ me, 5 na minhu wɔn a woapaw wɔn no yiyedi, na m’ani nnye wo nkurɔfo no anigye ho bi, na me ne w’agyapade nhyehye yɛn ho. 6 Yɛne yɛn agyanom ayɛ bɔne, yɛafom, yɛayɛ bɔne kɛse. 7 Yɛn agyanom anhu w’anwonwade Misraim, wɔankae w’adɔe dodow no, na wɔtew atua ɛpo ho, mmɛw po ho. 8 Nanso ne din nti ogyee wɔn, sɛ ɔbɛma wɔahu ne mmaninyɛ. 9 Ɔteɛteɛɛ mmɛw po no ma ɛyowee, na ɔde wɔn faa abun mu sɛ sare so. 10 Na ogyee wɔn fii nea okyi wɔn no nsam, na oyii wɔn fii ɔtamfo nsam, 11 na nsu kataa wɔn ahohiafo so, wɔn mu biako po anka. 12 Ɛnna wogyee ne nsɛm dii, wɔtoo n’ayeyi dwom. 13 Wɔn werɛ fii ne nneyɛe ntɛm, wɔantwɛn n’agyinatu. 14 Na wɔn kɔn dɔe ntraso sare so, na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe nkyerekyerewa so. 15 Ɛnna ɔmaa wɔn nea wobisae, nanso ɔmaa ɔfɔn baa wɔn kra mu. 16 Na wɔn ani beree Mose, nsra no mu, ne Aaron, AWURADE hotefo no. 17 Asase bue menee Datan, na ɛkataa Abiram asafo so. 18 Na ogya sɔ kɔkaa wɔn asafo, ogyaframa taforoo abɔnefo no. 19 Wɔyɛɛ nantwi ba Horeb, na wɔkotow ohoni a wogui. 20 Na wɔsakraa wɔn anuonyam yɛɛ no nantwi a ɔwe wura sɛso. 21 Wɔn werɛ fii Nyankopɔn a ogyee wɔn, na ɔyɛɛ nneɛma akɛse Misraim, 22 na ɔyɛɛ anwonwade, Ham asase so, ne ahude, mmɛw po ho no. 23 Na ose anka ɔbɛsɛe wɔn, nanso Mose a oyii no no kogyinaa n’anim siw abu no ano, sɛ ɔrepam n’abufuw no, na wansɛe wɔn. 24 Na wɔtoo asase a eye no ho mpe, wɔannye n’asɛm anni. 25 Wonwiinwii wɔn ntamadan mu, na wɔantie AWURADE asɛm. 26 Ɛnna ɔmaa ne nsa so hyɛɛ wɔn sɛ ɔbɛma wɔatotɔ sare so, 27 na wabɔ wɔn asefo agu amanaman mu, na wapansam wɔn, nsaase so. 28 Na wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-peor ho, na wodii adefunu afɔrebɔde, 29 na wɔde wɔn nneyɛe yii no ahii, na owuyare baa wɔn mu. 30 Na Pinehas sɔre gyina patae, na osoo owuyare no ano. 31 Na wobuu eyi trenee maa no kɔɔ mma mma so kosi daa. 32 Na woyii no abufuw, Meriba nsu no so, na wɔn nti ewiee Mose bɔne. 33 Na wɔhow ne honhom werɛ, na ɔde n’ano woroo nsɛm. 34 Wɔankunkum aman a AWURADE kaa wɔn ho asɛm no, 35 na wɔfrafraa amanaman no mu, na wosuasuaa wɔn nneyɛe. 36 Na wɔsom wɔn ahoni, na ɛdan wɔn afiri. 37 Na wɔde wɔn mmabanin ne wɔn mmabea bobɔɔ afɔre maa abosom, 38 na wɔkaa mogya a enni fɔ gui, wɔn mmabanin ne wɔn mmabea mogya, wɔde wɔn bɔɔ afɔre maa Kanaan ahoni, ma mogya guu asase no ho fi. 39 Na wɔde wɔn nneyɛe maa wɔn ho yɛɛ nwini, na wɔde wɔn nsɛnnii dan nguaman. 40 Ɛnna AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ ne man, na okyii n’agyapade. 41 Na ɔde wɔn hyɛɛ amanaman nsa, na wɔn a wokyi wɔn dii wɔn so. 42 Na wɔn atamfo hyɛɛ wɔn so, na wɔbrɛɛ wɔn ase hyɛɛ wɔn nsa ase. 43 Ogyee wɔn mpɛn pii, na wɔn de, wɔyɛɛ mpi tew atua, na wɔbrɛɛ wɔn ase wɔn amumɔyɛ mu. 44 Nanso ɔhwɛɛ wɔn ahohia maa wɔn, otiee wɔn nkɔmmɔdi no. 45 Na ɔkaee n’apam maa wɔn, na n’adɔe dodow nti ɔyɛɛ timmɔbɔ. 46 Na ɔmaa wɔn a wɔfaa wɔn nnommum nyinaa huu wɔn mmɔbɔ. 47 Gye yɛn nkwa, AWURADE, yɛn Nyankopɔn, na boaboa yɛn ano fi amanaman mu, na yɛnna wo din kronkron no ase, na yɛmfa w’ayeyi nhyehye yɛn ho. 48 Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn fi daapem kosi daapem, na ma ɔman mu no nyinaa nse sɛ: Amen. Munyi AWURADE ayɛ! |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana