Nnwom 105 - KYERƐW KRONKRONAde a Onyankopɔn yɛe Israel nkwagye ho ( 1 Berɛsosɛm 16.8-22 ) 1 Monna AWURADE ase, mommɔ ne din, momma wonhu ne nneyɛe, aman mu. 2 Monto dwom mma no, monto ayeyi dwom mma no, munnwen n’anwonwade nyinaa ho nka. 3 Momfa ne din kronkron nhyehye mo ho, wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE no koma ntɔ wɔn yam. 4 Mompɛ AWURADE ne ne tumi akyi kwan, monhwehwɛ n’anim daa yi. 5 Monkae n’anwonwade a wayɛ, n’ahodwiriwde ne n’anom atemmusɛm no, 6 mo, n’akoa Abraham asefo, Yakob a oyii no no mma. 7 Ɔno ne AWURADE yɛn Nyankopɔn, n’atemmu fa asase nyinaa so. 8 Ɔkae n’apam no de kosi daa, asɛm a ɔhyɛ maa awo ntoatoaso apem no, 9 apam a ɔne Abraham pamee, ne ne ntam a ɔkaa Isak no, 10 na ɔde sii hɔ maa Yakob sɛ ahyɛde, na ɔde maa Israel sɛ daa apam no, 11 sɛ: Wo na mede Kanaan asase mɛma wo sɛ mo agyapade a wɔkyɛ no hama so. 12 Ɛbere a nnipa no ano nnɔɔso, wɔyɛ kakraa bi ne ahɔho wɔ hɔ, 13 na wɔnenam fi ɔman mu kɔ ɔman mu, wofi ahenni bi mu kɔ ɔman foforo bi mu no, 14 wamma obi kwan sɛ ɔnhom wɔn so, na wɔn nti ɔkaa ahene anim sɛ: 15 Monnka me nnipa a wɔasra wɔn no, na monnyɛ m’adiyifo bɔne bi. 16 Na ɔmaa ɔkɔm baa asase no so, obubuu aduan poma nyinaa mu. 17 Ɔsomaa onipa bi dii wɔn anim, wɔtɔn Yosef ma ɔkɔyɛɛ akoa. 18 Wɔde mpokyerɛ miaa ne nan, de no too dade [nkɔnsɔnkɔnsɔn] mu, 19 kosii bere a n’asɛm baa mu, AWURADE asɛm sɔɔ no hwɛe. 20 Ɔhene soma ma wokotuu no, nea odi aman so no ma wɔkɔsan no. 21 Ɔde no sii ne fi so panyin, ne nea ɔwɔ nyinaa sodifo, 22 sɛ ɔnkyerɛ n’asafohene nea ɔpɛ, na ɔnkyerɛ ne mpanyimfo nyansa. 23 Ɛnna Israel baa Misraim, na Yakob bɛsoɛɛ Ham asase so hɔho. 24 Na ɔmaa ne man ase fɛee bebree, na ɔma wɔyɛɛ den sen wɔn ahohiafo. 25 Ɔdan wɔn koma sɛ wɔntan ne man, na wɔmfa anifere nhyɛ ne nkoa so. 26 Ɔsomaa n’akoa Mose ne Aaron a oyii no no. 27 Woyii ne nsɛnkyerɛnne sii wɔn mu, ne anwonwade, Ham asase so. 28 Ɔmaa sum bedurui, nanso wɔannwen ne nsɛm ho. 29 Ɔdannan wɔn nsu mogya, na ɔde kum wɔn mpataa. 30 Wɔn asase dɔɔ mponkyerɛn manyamanya ma wɔbaa wɔn ahene mpia mu. 31 Ɔkae, na atɛn bae, ntontom baa wɔn asase nyinaa so. 32 Ɔde amparuwbo yɛɛ wɔn sutɔ ma ogyaframa baa wɔn asase so. 33 Na ɔbobɔɔ wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma, na obubuu wɔn asase so nnua. 34 Ɔkae, na mmoadabi, ne mmɛbɛw a wɔn dodow nni ano, bae 35 na wobedii wɔn asase so ahaban nyinaa, na wodii wɔn mfuw so aduan. 36 Na ɔbobɔɔ wɔn asase so mmakan nyinaa, wɔn ahoɔden nyinaa mma a edi kan. 37 Na ɔde wɔn ne dwetɛ ne sika fi kɔe, na mmerɛwni bi nni ne mmusuakuw mu. 38 Wɔn adifi yɛɛ Misraimfo anigye, na wɔn ho hu tɔɔ wɔn so. 39 Ɔtrɛw omununkum mu yɛɛ nkataso, ne ogya, sɛ ɛnyɛ hann anadwo. 40 Wobisae, na ɔde mmoko bae, na ɔde ɔsoro aduan ma wɔmee. 41 Obuee ɔbotan maa nsu tuei, ɛteɛɛ wɔ nkyerekyerewa so sɛ asubɔnten. 42 Na ɔkaee n’asɛm kronkron no, ɔkaee n’akoa Abraham, 43 na oyii ne man ma wɔde abotɔyam fii adi, ɔmaa wɔn a ɔpaw wɔn no de ahurusi kɔe. 44 Na ɔde amanaman nsaase maa wɔn, na wodii nkurɔfo adwuma so ade, 45 sɛ wɔnhwɛ n’ahyɛde nyɛ, na wonni ne mmara so. Munyi AWURADE ayɛ! |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana