Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 104 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn adebɔ mu ayeyi
( Gyenesis 1 )

1 Me kra, hyira AWURADE. AWURADE, me Nyankopɔn, woso kɛse, woahyɛ ɔharan ne anuonyam.

2 Wufura hann sɛ ntama, wotrɛw ɔsoro mu sɛ ntamadan tam,

3 wode wo mpia sɛm nsu so, wode amununkum yɛ wo teaseɛnam, wode mframa ntaban nenam.

4 Wode mframa yɛ w’abɔfo, wode gya a ɛdɛw yɛ w’asomfo.

5 Wode asase atim ne nnyinaso so, na anhim da biara da.

6 Wode ebun kataa so sɛ atade, nsu gyinaa mmepɔw so,

7 w’animka nti eguanguanee, wo prannaa nne nti na ɛyɛɛ ntɛm kɔe,

8 mmepɔw momaa wɔn ho so, ɛsen kokɔɔ abon mu, nea woasiesie ama wɔn hɔ.

9 Woatwa ɔhye sɛ ɛnntra, na ansan ammɛkata asase so.

10 Oyi nsuaniwa, abon mu, ɛsen nenam mmepɔw ntam,

11 Ɛma wuram mmoa nyinaa nom bi, torɔm de kum wɔn sukɔm.

12 Ɛso na wim nnomaa tetee, nnubaa mu na wofi ma wɔn nne so.

13 Ofi ne soro mpia mu gu mmepɔw so nsu, wo nnwuma so aba mee asase.

14 Ɔma wura fifi ma afieboa, ne afumduan a onipa yɛ ho adwuma, sɛ ɔbɛma aduan afi asase mu.

15 Na nsa ama ɔdesani koma atɔ ne yam, na wama ngo ayɛ onipa anim hyɛɛhyɛɛ, na aduan awowaw ɔdesani koma.

16 Wɔma AWURADE nnua nso mee, Lebanon nkyeneduru a oduae no.

17 Ɛhɔ na nnomaa yɛ wɔn mmerebuw, asukɔnkɔn wɔ ne fi, ɔpopaw nnua so.

18 Mmepɔw atenten yɛ guankɔbea ma akakragya, na abotan yɛ ma nkukuban.

19 Ɔyɛɛ ɔsram sɛ ɛnkyerɛ bere mu nsakrae, owia nim ne tɔbere.

20 Woma sum duru, na ade sa, ɛno mu na kwae mu mmoa nyinaa keka wɔn ho.

21 Gyataforo bobom di mmoa akyi, na wɔkɔpɛ wɔn aduan, Onyankopɔn nsam.

22 Owia pue a, wɔtwe wɔn ho, na wobutubutuw wɔn atu mu.

23 Onipa fi kɔ n’adwuma ne ne dwumadi ho kosi anadwofa.

24 AWURADE, wo nnwuma dɔɔso dɛn ara, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔde ahyɛ asase so ma.

25 Ɛpo ni, ɛso, na ɛtrɛw haharaa, ɛhɔ na mmoa manyamanya a enni ano nennamee, mmoa nketewa ne akɛse.

26 Ɛhɔ na ahyɛn nennamee, bonsu a woyɛɛ no sɛ ongoru mu no ni.

27 Wɔn nyinaa hwɛ wo kwan sɛ ma wɔn wɔn aduan, ne bere mu.

28 Woma wɔn, na wɔtase, wubue wo nsam, na adepa mee wɔn.

29 Wuhintaw w’ani, na wɔpatuw wu, wuyi wɔn ahome, na wogyaa mu, na wɔsan kɔ wɔn mfutuma mu.

30 Wosoma w’ahome ba, na wode bɔ wɔn, na woma asase ani yɛ foforo.

31 Ma AWURADE anuonyam ntena hɔ daa, ma AWURADE ani nnye ne nnwuma mu.

32 Ɔno na ɔhwɛ asase na ɛwosow, ɔka mmepɔw na efi wusiw.

33 Mete ase yi, mɛto dwom mama AWURADE, mewɔ hɔ yi, mɛto ayeyi dwom mama me Nyankopɔn.

34 Ɔmma m’adwene yi nyɛ no fɛ, na me nso m’ani begye AWURADE ho.

35 Ma nnebɔneyɛfo nsa, asase so, na mma abɔnefo nntena hɔ bio. Me kra, hyira AWURADE. Munyi AWURADE ayɛ.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan