Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 103 - KYERƐW KRONKRON


Me kra, hyira AWURADE!
Dawid de

1 Me kra, hyira AWURADE, na me mu ade nyinaa nhyira ne din kronkron.

2 Me kra, hyira AWURADE, na mma wo werɛ mmfi ne nneyɛe pa nyinaa.

3 Ɔno na ɔde wo mfomso nyinaa kyɛ wo, na ɔsa wo nyarewa nyinaa.

4 Ogye wo nkwa fi amena mu, ɔde adɔe ne mmɔborohunu bɔ wo abotiri.

5 Ɔde adepa hyɛ w’afono ma ma wo mmerantebere yɛ foforo sɛ ɔkɔre.

6 AWURADE di asɛntrenee, na obu atɛn gye wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa.

7 Ɔde n’akwan kyerɛɛ Mose, ɔmaa Israel mma huu ne nneyɛe.

8 Mmɔborohunufo ne ɔdomfo ne AWURADE, ne bo kyɛ fuw, na n’adɔe dɔɔso.

9 Ɔrenham nkosi daapem, na ɔrennya yɛn menasepɔw nkosi daa.

10 Onsusuw yɛn bɔne so ne yɛn nni, na ɔnhwɛ yɛn mfomso nhyɛ yɛn ananmu.

11 Na sɛ ɔsoro ware sen asase no, sɛ n’adɔe so, wɔn a wosuro no so ne no.

12 Sɛ Apuei ne Atɔe ntam ware no, sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no.

13 Sɛ agya yam hyehye no mma ho no, sɛ AWURADE yam yɛ no wɔn a wosuro no ho ne no.

14 Na onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.

15 Ɔdesani de, ne nna te sɛ sare, ɔyɛ frɔmm sɛ wuram nhwiren.

16 Sɛ mframa bɔ fa no so a, na onni hɔ, na ne sibea nnim no bio.

17 Na AWURADE adɔe fi daa kɔ daa, wɔn a wosuro no so, na ne trenee wɔ hɔ ma mma mma,

18 ma wɔn a wodi n’apam so, na wɔkae n’ahyɛde sɛ wɔbɛyɛ.

19 AWURADE de n’agua asi soro, na n’ahenni di ade nyinaa so.

20 AWURADE abɔfo, munhyira no, ahoɔdenfo a mudi n’asɛm so na mutie ne kasa no.

21 AWURADE asafo nyinaa, munhyira no, n’asomfo a moyɛ nea ɛsɔ n’ani no.

22 AWURADE nnwuma nyinaa, munhyira no, mmeaemmeae a odi tumi nyinaa. Me kra, hyira AWURADE.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan