Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 102 - KYERƐW KRONKRON


Nkɔmmɔdi ne anidaso
Mmɔboroni a ne home tew no a oyi ne nkɔmmɔ gu AWURADE anim no mpaebɔ

1 AWURADE, tie me mpaebɔ, na ma me sufrɛ nnu w’anim.

2 Nyi w’anim nhintaw me, da a me ho hia me no, brɛ w’aso ase ma me, da a misu mefrɛ no, yɛ ntɛm gye me so.

3 Na me nna hi sɛ owusiw, na me nnompe adɔ sɛ muka.

4 Me koma abow na akisa sɛ fan, na m’ani apa m’aduan di so.

5 M’apinisi nne nti me nnompe afomfam me werem.

6 Mete sɛ sare so pokupoku, mayɛ sɛ amamfo so patu.

7 Misi pɛ, mete sɛ akasanoma a ne nko si ɔdan atifi.

8 Daa adesae na m’atamfo bɔ me ahohora, wɔn a wɔbɔ me so dam de me yɛ ntanka.

9 Na madi nso sɛ aduan, na mede osu mafra m’anonne mu.

10 Efi w’abufuw ne w’anibere so, sɛ womaa me so, na woatow me akyene.

11 Me nna te sɛ sunsuma a ɛretwam, na me de, mikisa sɛ fan.

12 Na wo, AWURADE de, wowɔ hɔ daa, na wo nkae kodu awo ntoatoaso nyinaa so.

13 Wobɛsɔre abehu Sion mmɔbɔ, na ɛbere a ɛsɛ sɛ wodom no ni, na ɛbere no adu.

14 Na wo nkoa wɔ n’abo ho koma, na wɔn yam hyehye wɔn, ne mfutuma ho.

15 Na amanaman besuro AWURADE din, na asase so ahene nyinaa asuro w’anuonyam,

16 sɛ AWURADE akyekye Sion, wayi ne ho adi n’anuonyam mu,

17 wadan n’ani akyerɛ onnibie mpaebɔ, na wampo wɔn mpaebɔ.

18 Wɔbɛkyerɛw eyi ama nkyirimma, na ɔman a wɔbɛbɔ wɔn no beyi AWURADE ayɛ,

19 sɛ wafi ne soro kronkron hɔ abrɛ n’ani ase ahwɛ fam, AWURADE fi soro na ahwɛ asase,

20 sɛ obetie apokyerɛfo apinisi, na wasan owu mma;

21 na wɔabɔ AWURADE din Sion, aka n’ayeyi Yerusalem,

22 da a aman bɛbom aboaboa wɔn ho ano, ne ahenni, sɛ wɔbɛsom AWURADE.

23 Wagow me tumi mu ɔkwan mu, watwa me nna so.

24 Meka sɛ: Me Nyankopɔn, mmu me nna mu mfa me, wo mfe kyɛ kodu awo ntoatoaso nyinaa so.

25 Tete bemee na wohyɛɛ asase ase, na ɔsoro ne wo nsa ano adwuma.

26 Ɛno de, ɛbɛsɛe, na wo de, wutim hɔ daa. Wɔn nyinaa besuw sɛ atade, wɔbɛsakra wɔn sɛ atade, na wɔasakra.

27 Na wone wo ara, na wo mfe rensa da.

28 Wo nkoa mma bɛtena ase, na wɔn asefo atim w’anim.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan