Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 101 - KYERƐW KRONKRON


Ahene Bɔhyɛ
Dawid dwom

1 Mɛto adɔe ne atemmu ho dwom, wo, AWURADE, na mɛto dwom mama wo.

2 Mede nimdeɛ mɛfa pɛyɛ kwan so. Da bɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede me koma pɛyɛ mɛnantew me fi.

3 Meremma ahuhusɛm bi nsi m’ani so, mikyi ahohwisɛnni, ɛremfam me ho.

4 Koma kɔntɔnkye mpare me, bɔne rensɔ m’ani.

5 Nea ohintaw twiri ne yɔnko no, ɔno na metwa no; ahantan ani ne koma a ɛhoran merempene no.

6 M’ani wɔ asase so nokwafo so, sɛ wɔmmɛtena me ho; nea ɔnam pɛyɛ kwan so no, ɔno na ɔmmɛsom me.

7 Nea otwa nkontompo rentena me dan mu, nea ɔkeka atosɛm rennyina m’anim.

8 Daa anɔpa metwitwa asase so abɔnefo nyinaa, na matu amumɔyɛfo nyinaa mafi AWURADE kurow mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan