Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 10 - KYERƐW KRONKRON


Atɛntrenee ho mpaebɔ

1 AWURADE, adɛn nti na wugyina akyirikyiri, na wode wo ho hintaw ahokyere bere mu?

2 Ɔbɔnefo ahantan nti, ɛmma mmɔboroni ho hyehye no, wɔde wɔn tirimpɔw a wɔabɔ no nkyere wɔn.

3 Na ɔbɔnefo hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho, na omimfo ka abususɛm yi AWURADE ahii.

4 Ɔbɔnefo dwa n’anom ka sɛ: Hwee mfa me ho. Onyankopɔn bi nni baabi. N’adwene nyinaa ne no.

5 N’akwan yere hɔ pintinn daa nyinaa. W’atemmude asɔre n’ani so kɔ akyirikyiri, ɔmfa n’ahohiafo nyinaa nyɛ hwee.

6 Ose ne komam sɛ: Merenhim da, daa nyinaa merenhyia amane biara da.

7 Nnome, nkontomposɛm ne amimdi ahyɛ n’anom ma, na ɔhaw ne mmusu hyɛ ne tɛkrɛma ase.

8 Ɔtetew nkuraa hintabea, odi nea ɔnyɛɛ hwee no awu kokoam, n'ani sa awiɛmfo.

9 Obuw kokoam, sɛ gyata wɔ ne bon mu, obuw sɛ ne nsa bɛka mmɔboroni, ne nsa ka mmɔborɔfo no twe wɔn ba n’afiri mu.

10 Ɔkotow, 'ɔdɛɛdɛɛ, na awiɛmfo akɔka ne nsa.

11 Ose ne komam sɛ: Onyankopɔn werɛ afi, ɔde n’ani ahintaw, ɔrenhu ara da.

12 Ao! AWURADE, sɔre ɛ! Ao, Onyankopɔn, ma wo nsa so. Mma wo werɛ mmfi amanehunufo.

13 Adɛn nti na ɔbɔnefo yi Nyankopɔn ahii ka ne komam sɛ: Worentwe n’aso.

14 Woahu, efisɛ wo na wohwɛ ɔhaw ne awerɛhow, sɛ wode besie wo nsam. Wo nsa na ɔbrɛfo de ne ho hyɛ, ayisaa boafo ne wo ara.

15 Bubu abɔnefo basa, na di obusuyɛfo bɔne akyi kosi sɛ worenhu bio.

16 AWURADE ne hene daa daa, amanaman bɛyera afi n’asase so.

17 AWURADE, wobetie nea ahobrɛasefo pɛ, wohyɛ wɔn koma den, na woama w'aso aba so

18 sɛ wubedi ayisaa ne nea wɔhyɛ no so no asɛm, na ɔdesani a ofi asase mu no ho anyɛ hu bio.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan