Nnwom 1 - KYERƐW KRONKRONNHOMA A EDI KAN ( Nnwom 1—41 ) Ɔtreneeni ne ɔbɔnefo 1 Nhyira ne onipa a ɔnnantew abɔnefo agyina mu, na onnyina nnebɔneyɛfo kwan so, na ɔntena fɛwdifo tenabea, 2 na mmom n’ani gye AWURADE mmara ho, na odwen ho awia ne anadwo. 3 Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye. 4 Abɔnefo de, wɔnte sa, na wɔte sɛ ntɛtɛwa a mframa bɔ gu. 5 Enti abɔnefo renni bem atemmu mu, na nnebɔneyɛfo renya kyɛfa treneefo asafo mu. 6 Efisɛ AWURADE nim atreneefo kwan, na abɔnefo kwan de, ɛbɛyera. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana