Nehemia 7 - KYERƐW KRONKRONWɔpaw kurow no awɛmfo 1 Na ɛbae sɛ wɔtoo afasu no no, na misii apon no, wɔhyehyɛɛ aponanohwɛfo ne nnwontofo ne Lewifo. 2 Na mede Yerusalem hyɛɛ me nua Hanani ne Hanania, aban no mu safohene no nsa efisɛ, na ɔyɛ ɔbarima nokwafo a osuro Onyankopɔn sen nnipa pii, 3 na misee wɔn sɛ: Mommma wonnhiɛ Yerusalem apon gye sɛ owia mu ayɛ den ansa. Na wɔda so gyina hɔ yi wɔnkeka apon no ntoto mu, na montoto akyiri. Na momfa Yerusalemfo awɛmfo nsisi hɔ, onipa biara nipa nnyina ne wɛn so ne ne fi ntentenso. 4 Na kurow no mu bae tɛtrɛɛ na ɛso, na nnipa a wɔwɔ mu no sua, na adan nso, wonsisii ɛ. Wɔkan ɔman no ( Esra 2.1-70 ) 5 Na me Nyankopɔn de hyɛɛ me koma mu sɛ memmoa mmapɔmma ne mpanyimfo ne ɔman no ano na wɔnkan wɔn, wɔn mmusua so. Na mihuu wɔn a wɔforo bae kan no ho mmusua nkanee nhoma, na mihui sɛ wɔakyerɛw mu sɛ: 6 Eyinom ne ɔmantam no mufo a wofi nnommum a, Babel hene Nebukadnesar de wɔn kɔe no mu foro bae na wɔsan baa Yerusalem ne Yuda kokɔɔ wɔn nkurow mu 7 a wɔne Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana bae no. Israel man mu mmarima dodow ni: 8 Paros mma, mpennu ɔha aduɔsɔn abien. 9 Sefatia mma: Ahasa aduɔsɔn abien. 10 Arah mma: Ahansia aduonum abien. 11 Pahat-moab mma: Yesua ne Yoab mma de: Mpennu ahanwɔtwe ne dunwɔtwe. 12 Elam mma: Apem ahanu aduonu anan. 13 Satu mma: Ahanwɔtwe aduanan anum. 14 Sakai mma: Ahansɔn aduosia. 15 Binui mma: Ahansia aduanan awotwe. 16 Bebai mma: Ahansia aduonu awotwe. 17 Asgad mma: Mpennu ahasa aduonu abien. 18 Adonikam mma: Ahansia aduosia asɔn. 19 Bigwai mma: Mpennu aduosia asɔn. 20 Adin mma: Ahansia aduonum anum. 21 Ater mma: Hesekia de: Aduakron awotwe. 22 Hasum mma: Ahasa aduonu awotwe. 23 Besai mma: Ahasa aduonu anan. 24 Harif mma: Ɔha ne dumien. 25 Gibeon mma: Aduakron anum. 26 Betlehem ne Netofa mmarima: Ɔha aduɔwɔtwe awotwe. 27 Anatot mmarima: Ɔha aduonu awotwe. 28 Bet-asmawet mmarima: Aduanan abien. 29 Kiriat-yearim, Kefira ne Beerot mmarima: Ahansɔn aduanan abiɛsa. 30 Rama ne Geba mmarima: Ahansia aduonu biako. 31 Mikmas mmarima: Ɔha aduonu abien. 32 Betel ne Ai mmarima: Ɔha aduonu abiɛsa. 33 Nebo biako no mmarima: Aduonum abien. 34 Elam biako no mma: Apem ahanu aduonum anan. 35 Harima mma: Ahasa aduonu. 36 Yeriko mma: Ahasa aduanan anum. 37 Lod, Hadid ne Ono mma: Ahansɔn aduonu biako. 38 Senaa mma: Mpensa ahankron aduasa. 39 Asɔfo no: Yedaia mma, Yesua fi de: Ahankron aduɔsɔn abiɛsa. 40 Imer mma: Apem aduonum abien. 41 Pashur mma: Apem ahanu aduanan asɔn. 42 Harim mma: Apem ne dunsɔn. 43 Lewifo: Yesua mma, Kadmiel de, Hodewa mma de: Aduɔsɔn anan. 44 Nnwontofo: Asaf mma: Ɔha aduanan awotwe. 45 Aponanohwɛfo: Salum mma, Ater mma, Talmon mma, Akub mma, Hatita mma, Sobai mma: Ɔha aduasa awotwe. 46 Nsɔfokwaa: Siha mma, Hasufa mma, Tabaot mma, 47 Keros mma, Sia mma, Padon mma, 48 Lebana mma, Hagaba mma, Salmai mma, 49 Hanan mma, Gidel mma, Gahar mma, 50 Reaia mma, Resin mma, Nekoda mma, 51 Gasam mma, Usa mma, Pasea mma, 52 Besai mma, Meunim mma, Nefusesim mma, 53 Bakbuk mma, Hakufa mma, Harhur mma, 54 Baslit mma, Mehida mma, Harsa mma, 55 Barkos mma, Sisera mma, Temah mma, 56 Nesia mma, Hatifa mma. 57 Solomon nkoa mma: Sotai mma, Soferet mma, Perida mma, 58 Yala mma, Darkon mma, Gidel mma, 59 Sefatia mma, Hatil mma, Pokeret-hasebaim mma, Amon mma. 60 Nsɔfokwaa ne Solomon nkoa mma no nyinaa: Ahasa aduakron abien. 61 Na eyinom ne wɔn a wofi Tel-mela, Tel-harsa, Kerub, Adon, Imer foro bae, na wɔantumi ankyerɛ wɔn mpanyimfi ne wɔn ase sɛ Israel mu na wofi: 62 Delaia mma, Tobia mma, Nekoda mma: Ahansia aduanan abien. 63 Na asɔfo mu: Habaia mma, Hakos mma, Barsilai a ɔwaree Gileadni Barsilai mmabea mu bi na wɔde wɔn din too no mma, 64 eyinom hwehwɛɛ wɔn mmusua nkyerɛwee, na wɔanhu. Na wobuu wɔn sɛ wɔn ho ntew nti, woyii wɔn fii asɔfodi mu. 65 Na amrado no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wonnni akronkronne mu ade kronkron no bi nkosi sɛ ɔsɔfo bi de Urim ne Tumim. 66 Bagua mu no nyinaa ano si mpem aduanan abien ne ahasa aduosia, 67 ɛsono wɔn nkoa ne wɔn mfenaa, wɔn nso si mpemnsɔn ahasa aduasa asɔn; na wɔwɔ nnwontofo mmarima ne mmea ahanu aduanan anum. 68 Wɔn apɔnkɔ si ahansɔn aduasa asia, wɔn mfurumpɔnkɔ, ahanu aduanan anum. 69 Yoma: Ahanan aduasa anum; mfurum: Mpemnsia ahansɔn aduonu. Ayamye ade 70 Na agyanom atitiriw no mu fa bi bɛkyɛɛ adwuma no ho ade: Amrado no maa sika nsuruboaa apem, nkora aduonum, asɔfotade ahanum ne aduasa, sɛ wɔmfa ngu akorade no mu. 71 Na agyanom atitiriw no mu binom maa adwuma no ho akorade sika nsuruboaa ɔpeduonu, ne dwetɛ mmɛnnaa mpennu ahanu. 72 Na nea ɔman no nkae no mae ne sika nsuruboaa ɔpeduonu ne dwetɛ mmɛnnaa mpennu ne asɔfotade aduosia asɔn. 73 Na asɔfo ne Lewifo ne aponanohwɛfo ne nnwontofo no ne ɔman no mu bi ne nsɔfokwaa no ne Israel nyinaa tenatenaa wɔn nkurow mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana