Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nehemia 11 - KYERƐW KRONKRON


Nnipa a wɔtenaa Yerusalem

1 Na ɔman no mmapɔmma no tenaa Yerusalem; na ɔman no nkae bobɔɔ ntonto sɛ wɔde nnipa du mu biako bɛtena Yerusalem, kurow kronkron no mu, na baakron atenatena nkurow mu.

2 Na ɔman no hyiraa mmarima a woyii wɔn yam sɛ wɔrebɛtena Yerusalem no nyinaa.

3 Na ɔmantam no so atitiriw a wɔtenaa Yerusalem no ni: Nso Yuda nkurow no mu de, wɔn nyinaa tenatenaa wɔn agyapade so wɔn nkurow mu: Israel, asɔfo ne Lewifo ne nsɔfokwaa ne Solomon nkoa mma no.

4 Na Yerusalem de, Yuda mma no bi ne Benyamin mma no bi tenaa hɔ. Yuda mma no mu: Usia ba Ataia, Sakaria ba, Amaria ba, Sefatia ba, Mahalalel ba a ofi Peres mma no mu;

5 ne Baruk ba Maaseia, Kol-hose ba, Hasaia ba, Adaia ba, Yoiarib ba, Sakaria ba, Siloni ba.

6 Peres mma a wɔtenaa Yerusalem nyinaa si ahanan aduosia awotwe, wɔyɛ mmarima akokodurufo.

7 Na Benyamin mma ni: Mesulam ba Salu, Yoed ba, Pedaia ba, Kolaia ba, Maaseia ba, Itiel ba, Yesaia ba;

8 na n’akyi no: Gabai, Salai: Ahankron aduonu awotwe.

9 Na Sikri ba Yoel ne wɔn so hwɛfo; na Senua ba Yuda di kurow no fa a ɛto so abien no so.

10 Asɔfo mu: Yoiarib ba Yedaia, Yakin;

11 Hilkia ba Seraia, Mesulam ba, Sadok ba, Meraiot ba, Ahitub a ɔyɛ Onyankopɔn fi panyin no ba;

12 ne wɔn nuanom a wɔyɛ ofi no mu adwuma no: Ahanwɔtwe aduonu abien; ne Yeroham ba Adaia, Pelalia ba, Amsi ba, Sakaria ba, Pashur ba, Malkiya ba,

13 ne ne nuanom, agyanom so atitiriw, ahanu aduanan abien; ne Asarel ba Amasai, Ahsai ba, Mesilemot ba, Imer ba,

14 ne wɔn nuanom, mmarima akokodurufo: Ɔha aduonu awotwe; na wɔn so hwɛfo ne Hagedolim ba Sabdiel.

15 Lewifo mu nso: Hasub ba Semaia, Asrikam ba, Hasabia ba, Buni ba,

16 ne Sabetai ne Yosabad, wodi Onyankopɔn fi anihumafo so, wofi Lewifo atitiriw no mu;

17 ne Mika ba Matania, Sabdi ba, Asaf ba, otitiriw a ofi aseda dwom ase mpaebɔ mu, ne Bakbukia a odi hɔ, ne nuanom mu, ne Samua ba Abda, Galal ba, Yedutun ba:

18 Lewifo a wɔwɔ kurow kronkron no mu no nyinaa ano si ahanu aduɔwɔtwe anan.

19 Na aponanohwɛfo no: Akub, Talmon ne wɔn nuanom a wɔwɛn apon ano no: Ɔha aduɔsɔn abien.

20 Na Israel nkae no, asɔfo no, Lewifo no wɔ Yuda nkurow mu tete wɔn agyapade so.

21 Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel, na Siha ne Gispa di nsɔfokwaa no so.

22 Na Lewifo a wɔte Yerusalem no so hwɛfo ne Bani ba Usi, Hasabia ba, Matania ba, Mika ba; Asaf mma no mu nnwontofo wɔ hɔ ma Onyankopɔn fi adwuma no.

23 Na ɔhene mmara nsɛm wɔ wɔn ho, na wɔahyɛ kyɛfa bi ama nnwontofo no, da biara ne ne de.

24 Na Mesesabel ba Petahia a ofi Yuda ba Serah mma mu no hyɛ ɔhene ase ɔman no ho nsɛm nyinaa mu.

25 Na wɔn adɔsaase so nkuraa no de, Yudafo no mu bi tenatenaa Kiriat-arba ne ɛho nkurowa mu, ne Dibon ne ɛho nkurowa mu, ne Yekabseel ne ɛho nkuraa mu,

26 ne Yesua ne Molada, ne Bet-pelet,

27 ne Hasar-sual, ne Beer-seba ne ɛho nkurowa mu,

28 ne Siklag ne Mekona ne ɛho nkurowa mu,

29 ne En-rimon, ne Sora, ne Yarmut,

30 Sanoa, Adulam ne wɔn nkuraa mu, Lakis ne ɛho mfuwa so, Aseka ne ɛho nkurowa mu, na wɔtenatenae fi Beer-seba kosii Hinom bon mu.

31 Na Benyamin mma a wofi Geba no tenaa Mikmas ne Aia ne Betel ne ɛho nkurowa mu,

32 Anatot, Nob, Anania,

33 Hasor, Rama, Gitaim,

34 Hadid, Seboim, Nebalat,

35 Lod ne Ono, adwumfo bon mu.

36 Na Lewifo no mu nkyekyɛmu a wɔyɛ Yuda de no bi fraa Benyamin mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan