Mmebusɛm 6 - KYERƐW KRONKRONAkagyinamudi ho kɔkɔbɔ 1 Me ba, sɛ wugyina wo yɔnko akyi, sɛ wudi ɔhɔho agyinam, 2 sɛ wonam w’anom asɛm so ama wo ho akyere wo a, 3 yɛ eyi mmom, me ba, na yi wo ho, efisɛ woatɔ wo yɔnko nsam; kɔ kɔkotow, na srɛ wo yɔnko no. 4 Mma nna nnkɔ w’aniwa mu, na mma w’anisuatɛtɛw nntɔ nnko; 5 yi wo ho sɛ adowa fi ne nsam, sɛ anomaa fi ofirisumfo nsam. Anihaw ho kɔkɔbɔ 6 Ɔkwaadwofo, kɔ ntɛtea nkyɛn, hwɛ n’akwan, na hu nyansa. 7 Ɔno na onni otitiriw, ɔpanyin ne sodifo, 8 nanso osiesie n’aduan ahohurubere, na ɔboaboa n’adidide ano twabere mu. 9 Wobɛda akosi da bɛn, ɔkwaadwofo? Bere bɛn na wobɛsɔre afi wo nna mu? 10 Nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a mɛpono mada kakra. 11 Ɛnna wo hia bɛto wo sɛ ɔkwanmukafo, ne w’ahokyere sɛ ɔkyɛmkurafo. Nseku ho kɔkɔbɔ 12 Onipa huhuw ne ɔbarima busuyɛfo, ɔde ano kɔntɔnkye nennamee, 13 obubu n’aniwa, ɔde ne nan kasa, ɔde ne nsatea kyerɛkyerɛ ade, 14 akɔntɔnkyesɛm wɔ ne komam, ɔpam ne tirim apammɔne daa, takrawogyam na ɔhyɛ. 15 Enti mpofirim na ne sɛe bɛba, wobebubu no afrɛ so a wontumi nsa. Nneɛma a Onyankopɔn kyi 16 Ade asia yi na AWURADE tan, Yiw na ade ason na ɛyɛ ne kra akyide, 17 ani a ɛtra ntɔn, atoro tɛkrɛma, ne nsa a ehwie mogya a edi bem gu; 18 koma a edwen mmusu adwene, nan a ɛyɛ hare tu mmirika kɔ bɔne mu; 19 ɔdansekurumfo a ohuw atosɛm, ne nea ɔhyɛ anuanom ntam takrawogyam. Awaresɛe ho kɔkɔbɔ 20 Me ba, bu w’agya mmara nsɛm, na ntow wo na kyerɛ nkyene. 21 Fa kyekyere wo koma ho daa yi, na fa bobare wo kɔn ho hyia. 22 Wonam a, ma enkogya wo, woda a, ɛnhwɛ wo so, na wunyan a, ɛnyɛ wo sɛmɔdɛbɔ. 23 Na mmara nsɛm no yɛ ɔkanea, na kyerɛ no yɛ hann, na nteɛso nkaanim yɛ nkwa kwan, 24 na ahwɛ wo so afi ɔbea bɔne ho, afi ɔbea hɔho tɛkrɛma dɔkɔdɔkɔ ho. 25 Mma w’ani mmmere n’ahoɔfɛ wo komam, na mma ɔmmfa n’anisuatɛtɛw nnkyere wo. 26 Na ɔbea oguamamfa ma obi di abodoosin, na obi yere buw nkwa a ne bo yɛ den. 27 So onipa de ogya bɛhyɛ ne kokom, na ne ntade renhyew? 28 So obi bɛfa nsramma so, na ne nan renhyew? 29 Saa na nea ɔkɔ ne yɔnko yere nkyɛn te, obiara a ɔka no renni bem. 30 Owifo, sɛ owia ade sɛ ɔredi amee, efisɛ ɔkɔm de no a, wommu ani ngu so; 31 na sɛ wohu no a, ɔbɔ ho mpɛn asɔn, ɔde n’afide nyinaa bɛma. 32 Nea ɔfa ɔyere nni ti, nea ɔsɛe ne kra na ɔyɛ saa. 33 Mmaa ne animguase na obenya, na n’ahohora no, wɔrempopa. 34 Na ninkunu twetwe ɔbarima abufuhyew, na aweredi da no, ɔremfa mfiri; 35 ɔremmu mpata biara, na woma akyɛde dɔɔso po a, ɔrempene. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana